Efesofo 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mma ne Agyanom

1 Kol 3.20 Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ.

2Eks 20.12 Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu:

3Deut 5.16 Na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.

4Kol 3.21; Mmb 19.18; Deut 6.7; 6.20-25; Nnw 78.4 Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.

Nkoa

5 Kol 3.22-25; Tito 2.9-10; 1 Pe 2.18 Nkoa, momfa osuro ne ahopopo ntie mo honam fam wuranom asɛm mfi mo koma mu, sɛnea moyɛ ma Kristo,

6ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wofi koma mu yɛ Onyankopɔn apɛde,

7na wɔde adwempa som sɛ wɔyɛ ma Awurade, na ɛnyɛ nnipa.

82 Ko 5.10 Na munim sɛ papa a obiara bɛyɛ no, akoa oo, ɔdehye oo, ɛno ara ho akatua na obenya Awurade nsam.

Awuranom

9 Kol 4.1; 2 Be 19.7; Aso 10.34 Na awuranom, monyɛ saa ara nso mma wɔn, mommrɛ ateɛteɛ ase, efisɛ munim sɛ wɔne mo ara nso wura wɔ ɔsoro, na ɔno de nnipa animhwɛ bi nni ne fam.

Honhom fam atamfo

10 1 Ko 16.13; 1 Yoh 2.14 Nea edi akyiri no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.

112 Ko 10.4 Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛɛ adi asi,

12Yoh 14.30; Efe 2.2 efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom no.

Onyankopɔn Akode

13Eyi nti monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.

14Luka 12.35; 1 Pe 1.13; 1 Te 5.8 Enti munnyina hɔ, momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo,

15na momfa asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso nhyehyɛ mo anan;

161 Pe 5.9; 1 Yoh 5.4 ne nyinaa akyi no, munkura gyidi kyɛm a mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa,

171 Te 5.8 na momfa nkwagye dade kyɛw ne honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm,

18Mat 26.41 na momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefo nyinaa,

19Kol 4.3; 2 Te 3.1; Aso 4.29 ɛne me nso, sɛ, mibue m’ano a, wɔmma me asɛm menka, na memfa nnam minyi asɛmpa no ahintasɛm menkyerɛ.

202 Ko 5.20 Ɛno ho bɔfo na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.

Nkradi

21 Aso 20.4; 2 Tim 4.12 Na nea ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛnea mete no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafo Tikiko bɛma moahu ne nyinaa.

22Kol 4.7-8 Eyi ara nti mesomaa no mo nkyɛn, na moahu sɛnea yɛn ho te na wahyɛ mo koma den.

23Asomdwoe ne ɔdɔ ne gyidi nso a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka anuanom.

24Adom nka wɔn a wɔde ɔdɔ a ɛho ntɔ kyima dɔ yɛn Awurade Yesu Kristo no nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help