Hosea 11 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn mmɔborohunu

1 Eks 4.22; Mat 2.15 Israel yɛ aberante no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba fii.

2Dodow a mefrɛɛ wɔn no, dodow no ara na wofii m’anim kɔe, wɔkɔbɔɔ afɔre maa Baal ahorow na wɔhyew aduhuam maa ahoni.

3Na me na migyigyee Efraim taataa; mituruu wɔn m’abasa so, na wɔanhu sɛ masa wɔn yare.

4Nnipa nhama na mede metwee wɔn, ne ɔdɔ ntampehama nso, na meyɛɛ wɔn sɛ nea ɔmoma kɔndua so, wɔn nnyepi so, na meyɛɛ no brɛoo memaa no didii.

5Wɔbɛsan wɔn akyi akɔ Misraim asase so bio, na Aseria na ɔbɛyɛ wɔn hene, efisɛ wɔampene sɛ wɔsan wɔn akyi.

6Na wɔn agyinatu horow no nti afoa bekyinkyin ne nkurow mu, na ɛbɛsɛe n’apon akyi adaban awie.

7Me so atuatew nko na me man de asi wɔn anim, na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a, wɔn mu biara mma ne ho so.

8 Deut 29.23; Yer 31.20 Anka meyi wo mama sɛ dɛn, O! Efraim, na magyaa wo mu dɛn ara, A! Israel! Anka meyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim! Me koma adan wɔ me mu, Yiw! Mmɔborohunu agye me yam nyinaa.

9Kwa 3.31-36 Merenni m’abufuhyew no so, merensan memmɛsɛe Efraim; na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa, wo mu kronkronni ne me, na meremma abohuru so.

10Yes 31.4-5; Yer 25.30; Hos 1.10 Wobedi AWURADE a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi; na Yiw! Ɔbɛbobom, na mma de ahopopo afi po akyi aba.

11Wɔde ahopere befi Misraim aba sɛ nnomaa, na wɔafi Aseria asase so aba sɛ mmorɔnoma, na mede wɔn madua wɔn afi mu, AWURADE asɛm ni.

12Efraim de atoro na Israel fi de nsisi atwa me ho asi, nanso Yuda de, ɔbɔ Onyankopɔn kronkronni nokwafo no ho anworaman.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help