Eksodɔs 7 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1 Eks 4.16 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, madan wo Onyankopɔn mama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifo.

2Wo de, wobɛka nea mɛhyɛ wo nyinaa, na wo nua Aaron bɛka akyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfo mfi n'asase so nkɔ.

3Eks 4.21 Na me de, mepirim Farao koma, na mama me nsɛnkyerɛnne ne m'anwonwade adɔɔso Misraim asase so.

4Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa mɛto Misraim so, na mayi m'asafo, me man Israelfo no, mafi Misraim asase so wɔ atemmu akɛse mu.

5Eks 8.22; 9.14, 29 Na sɛ meteɛ me nsa wɔ Misraim so na miyi Israelfo mifi wɔn mu a, na Misraimfo behu sɛ mene AWURADE.

6Na Mose ne Aaron yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no ara.

7Bere a wɔne Farao kɔkasae no, na Mose adi mfirihyia aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfirihyia aduɔwɔtwe abiɛsa.

Aaron poma no

8Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

9Eks 4.3 Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwonwade bi a, ɛno de ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdan ɔtweaseɛ.

10Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron de ne poma no too fam wɔ Farao ne ne nkoa anim, na ɛdan ɔtweaseɛ.

11 Eks 7.22; 8.7, 18-19; 2 Tim 3.8 Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafo ne ntafowayifo bae. Na wɔn Misraim akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.

12Na wɔn nyinaa de wɔn mpoma totoo fam, na ɛdannan atweaseɛ, nanso Aaron poma no memmenee wɔn mpoma no.

13Eks 4.21 Na Farao koma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no.

Ɔhaw ahorow ba Misraim

14Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao koma yɛ den, ɔmpene sɛ ɔman no bɛkɔ.

15Kɔ Farao nkyɛn anɔpa; hwɛ, ɔrefi adi akɔ asu no ano; na kogyina asu no ano hyia no, na fa wo poma a ɛdan ɔwɔ no kura.

16Eks 5.1 Ka kyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn na wasoma me wo nkyɛn sɛ: Ma me man nkɔ nkɔsom me sare so, na hwɛ, wuntiei de abedu sesɛɛ.

17Eks 4.9 Sɛ AWURADE se ni: Eyi na wode behu sɛ mene AWURADE: Hwɛ, mede poma a mikurae yi merebɔ asu yi mu nsu mu, na ɛbɛdan mogya.

18Na mpataa a ɛwɔ asu no mu bewuwu, na nsu no bɛbɔn na Misraimfo bekyi sɛ wɔbɛnom asu no mu nsu.

19 Adi 11.6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma, na teɛ wo nsa wɔ Misraim nsu so, wɔn nsubɔnten so, wɔn asuasu so ne wɔn atare so ne wɔn nsu a ɛtaataa hɔ nyinaa so, na ɛnnan mogya; na mogya aba Misraim asase nyinaa so, nnua ade ne abo ade mu.

20Na Mose ne Aaron yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no; na ɔmaa poma no so, na ɔde bɔɔ nsu a ɛwɔ asu no mu no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim; na nsu a ɛwɔ asu no mu nyinaa dan mogya.

21Na mpataa a ɛwɔ asu no mu wuwui, na asu no bɔnee, na Misraimfo antumi annom asu no mu nsu, na mogya kataa Misraim asase nyinaa so.

22Eks 7.11 Na Misraim akɔmfo de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na Farao koma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no.

23Na Farao dan ne ho kɔɔ ne fi, na eyi nso wannwen ho.

24Na Misraimfo nyinaa tutuu asu no ho mmura sɛ wɔrepɛ nsu anom, efisɛ wontumi nnom asu no mu nsu.

25Na nnansɔn a AWURADE dan nsu no betwaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help