Yudit 15 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Israelfo no Nkonimdi

1Mmere a nnipa a wɔwɔ ntamadan no mu tee nea aba no, wɔn ho dwiriw wɔn.

2Ahopopo ne suro kaa wɔn, ne saa nti, wɔantwentwɛn wɔn nan ase koraa; wogyee bum fii adi na woguanee, ɔkwan biara a obiara benya na wɔfaa so wɔ petee mu hɔ, de kɔfaa nkoko aman no mu.

3Wɔn a na wɔwɔ nsra mu wɔ nkoko a atwa ahyia Bethulia no nyinaa nso totɔɔ nwuram. Na Israel mmarima no, ne obiara a ɔyɛ ɔsraani no, fii adi taa wɔn.

4Na Ussia somaa nnipa kɔɔ Etomasthaim, Bebal Koba, Kola ne Israel ahye so nyinaa sɛ wɔnkɔka nea asi na wɔafi adi ato ahyɛ wɔn so akɔsɛe wɔn.

5Na bere a Israelfo tee no, wɔboom kɔɔ atamfo no so kokunkum wɔn ara de koduu Koba. Wɔn a wɔwɔ Yerusalem ne nkoko aman no mu no nyinaa nso bae, efisɛ wɔbɛkaa nea asi atamfo no mu wɔ nsra no mu kyerɛɛ wɔn. Wɔn a wɔwɔ Gilead ne Galilee kaa wɔn hyɛɛ mfinimfini kunkum pii de traa Damasko ahye so.

6Nnipa nkae a wɔwɔ Bethulia toaa wɔn wɔ Asiria nsra no mu kɔfoom wɔn nneɛma, de nyaa wɔn ho pii.

7Na bere a Israelfo kokunkum wɔn wiei san bae no, wɔbɛfaa wɔn nneɛma a aka no. Na nkurow a wɔwɔ nkoko aman no mu ne wɔn a wɔwɔ petee mu no, nyaa asade pii efisɛ na atamfo no nneɛma dɔɔso mmoroso.

Israelfo hyɛ wɔn nkonimdi ho fa

8Na ɔsɔfopɔn Joakim ne Israelfo mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no bae bedii nneɛma pa a Nyankopɔn ayɛ ama Israel no ho adanse, na wɔsraa Yudif, maa no tirinkwa.

9Na bere a wohyiaa no no, wɔn nyinaa de nokoro hyiraa no, see no sɛ: Wo ne Yerusalem ahohoahoade kɛse.

10Wo nkutoo nsa na ayɛ eyi. Woayɛ ade kɛse ama Israel, na asɔ Onyankopɔn ani yiye. Otumfo Awurade nhyira wo afebɔɔ! Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ: Amen.

11Nnipa no de nna aduasa na ɛsesaw nsra no mu asade no. Wɔde Holoferne ntamadan no, ne dwetɛ nkuruwa, ne mpa, ne n'ayowa nyinaa maa Yudif. Na ɔde n'afurum pɔnkɔ no saa ne teaseɛnam no, na ɔhyehyɛɛ nneɛma no wɔ mu.

12Israel mmea nyinaa boaboaa wɔn ho ano bɛhwɛɛ no, na wohyiraa no, na wɔn mu binom saw de hyɛɛ no anuonyam, na ɔfaa nnubaa nhwiren de memaa mmea a wɔwɔ ne nkyɛn no.

13Na wɔn nyinaa de ngodua nhwiren hyehyɛɛ wɔn ti, na Yudif de asaw dii wɔn nyinaa anim kan. Odii mmea no kan, na Israel mmarima no nyinaa dii akyi, a wokurakura wɔn akode, na nhwiren abotri hyehyɛ wɔn ti na wɔtoo nnwom yi:

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help