Hosea NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUOdiyifo Amos kyerɛkyerɛ akyi no, Odiyifo Hosea bekaa Onyankopɔn asɛm no wɔ Israel mantifi ahemman no mu. Saa bere no, yɛ ɔhaw bere, ansa na Samaria resɛe wɔ afe ahansɔn ne aduonu biako no mu ansa na wɔwoo Kristo.Nea na ɛhaw Odiyifo no titiriw ne abosonsom ne anianisom a ne nkurɔfo de som Nyankopɔn no. Hosea de akokoduru yii atorosom yi mfonini de faa n’ankasa aware bɔne a ne yere torofo bi de waree no no. Sɛnea ne yere Gomer bɛyɛɛ ɔbea bɔne maa no no, saa ara na Onyankopɔn nkurɔfo nso agyaw no. Eyi nti, atemmu bɛba Israelfo so. Awiei no, Onyankopɔn dɔ a ɛnsakra da no beyi ne ho adi, na obegye ne nkurɔfo aba ne nkyɛn na wasiesie wɔn ayɔnkofa. Saa dɔ yi da ne ho adi wɔ ahodwiriw nsɛm yi mu sɛ: Anka meyi wo mama sɛ dɛn Efraim, na magyaa wo mu dɛn ara Israel? Me koma adan wɔ me mu, mmɔborohunu agye me yam nyinaa (11.8)EMU NSƐMHosea Aware ne n’abusuafo 1.1—3.5

Ɔkasa a etia Israelfo 4.1—13.16

Ahonu nsɛm ne bɔhyɛ 14.1-9

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help