1Na towgyefo ne nnebɔneyɛfo no nyinaa twiw bɛn no sɛ wɔrebetie no.
2Dwetɛbona a ayera no
8 Anaasɛ ɔbea bɛn na ɔwɔ nnwetɛbona du, na emu biako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɔdan no mu, na ɔnhwehwɛ yiye nkosi sɛ obehu?
9Na ohu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano, na ɔka sɛ: Mo ne me ani nnye, na mahu me dwetɛbona a ɛyerae no.
10Ɔba hohwini
11Na ose: Onipa bi wɔ mmammarima baanu.
12Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahode a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’ahode mu maa wɔn.
13
20 Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kosoo ne kɔn mu, na ofew n’ano.
21Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.
22Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atade a eye no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan;
23na momfa nantwi ba a wadɔ srade no mmra mmekum no, na yenni, na yɛn ani nnye,
24
25 Na ne ba panyin no wɔ afum; na ɔreba na ɔrebɛn fie no, ɔtee asanku ne asaw.
26Na ɔfrɛɛ asomfo no mu biako bisaa no asɛm ko a aba.
27Na osee no sɛ: Wo nua aba, na w’agya akum nantwi ba a wadɔ srade no, efisɛ ne nsa aka no akwahosan mu.
28
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
