1Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a,
ma Israel nka ɛ:
2Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a,
bere a nnipa sɔre hyɛɛ yɛn no a,
3anka wɔn abufuw dɔ hyɛɛ yɛn no,
wɔamemmene yɛn animono,
4 Nnw 42.7; 69.15 anka nsu amene yɛn,
anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so,
5anka nsu a ɛyɛ ahantan
abɔ afa yɛn kra so.
6Nhyira ne AWURADE
a wamfa yɛn anyɛ hanam amma wɔn se.
7Yɛn kra aguan sɛ anomaa
afi afirisumfo afiri mu,
afiri no abu,
na yɛn de, yɛaguan.
8 Nnw 121.2 Yɛn boa wɔ AWURADE
a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no din mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
