Yudit 11 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Hyiam a Yudif dii kan hyiaa Holoferne

1Na Holoferne see no sɛ: Ɔbea, nya koma na nsuro, na menyɛɛ bɔne bi ntiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Nebukadnesar a ɔyɛ asase nyinaa so hene no.

2Na mprempren ara mpo sɛ wo nkurɔfo a wɔwɔ nkoko aman no mu amfa m'anim anyɛ fam a, anka merentwe me peaw ntia wɔn. Wɔn ara na atwetwe eyinom nyinaa ama wɔn ho.

3Na afei ka nea nti a woaguan afi wɔn mu aba yɛn ha no kyerɛ me. Ɔkwan biara so no, woanya wo ho sɔnn. Nya akokoduru! Wobenya nkwa anadwo yi ne daa.

4Obiara renyɛ wo hwee, mmom wɔn nyinaa ne wo bedi no yiye, sɛnea wɔde yɛ me hene Nebukadnesar nkoa no.

5Yudif buaa no sɛ: Gye w’afenaa asɛm to mu, na ma w’afenaa nkasa wɔ w'anim, na merenni atoro nkyerɛ me wura anadwo yi.

6Na sɛ wutie nea w’afenaa reka yi a, Onyankopɔn nam wo so bedi dwuma bi, na me wura betumi ako adu ne botae ho.

7Ɛnam Nebukadnesar, asase nyinaa so hene no abrabɔ, ne tumi so, nea ɔsomaa wo sɛ bɛkyerɛkyerɛ akra nyinaa kwan no. Ɛnyɛ sɛ nnipa nsom no, wo nti, na mmom mmoa a wɔwɔ nwuram, ne anantwi ne wim nnomaa benya nkwa a, na efi wo tumi a efi Nebukadnesar ne ne fi nyinaa nti.

8Efisɛ yɛate wo nyansa ne wo mmɔdemmɔ a ahyeta wiase nyinaa no nka, sɛ wo nkutoo ne otitiriw wɔ ahemman no nyinaa mu, a wunim nhoma yiye, na wowɔ nimdeɛ nwonwaso wɔ akodi mu.

9Afei ɛfa nea Akior kae wɔ nhyiam no mu no, yɛate ne nyinaa, Bethuliafo no de ne ho kyɛɛ no, na ɔkaa nea waka akyerɛ wo no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

10Ne saa nti me wura ne me panyin, mpo nea ɔka kyerɛɛ wo no, sɛ ɛyɛ asɛnhunu, mmom ma enni wo tirim dɛm, efisɛ ɛyɛ nokware, obi rentumi nteɛ nkrante wɔ yɛn man yi so gye sɛ wɔayɛ bɔne atia wɔn Nyankopɔn.

11Na afei, nea ɛbɛyɛ a me wura renni nkogu na ne botae nyɛ ɔkwa no, owu bɛba wɔn so, efisɛ bɔne adi wɔn so, na ɛnam so ahyɛ wɔn Nyankopɔn abufuw, sɛ wɔayɛ nea enye nti.

12Ɛnam sɛ wɔn nnuan asa na wɔn nsu resa nti, wɔasusuw ho sɛ wobekunkum wɔn anantwi na wɔasuae sɛ, nea Onyankopɔn mmara kyi mpo no wobedi.

13Wɔasi wɔn adwene pi sɛ, wobedi wɔn aburow, nnuaba kan, ne wɔn ntotoso dudu, ne nsa ne ngo a wɔatew ho ama asɔfo ne asomfo wɔ Awurade anim wɔ Yerusalem no, a ɛyɛ nneɛma a Onyankopɔn mmara kyi sɛ nnipa no de wɔn nsa bɛka no.

14Wɔasoma nnipa ma wɔkɔ Yerusalem, sɛ wɔnkɔsrɛ agyinatufo no kwan efisɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no gu so reyɛ saa nneɛma yi.

15Sɛ wonya mmuae no na wodi ho dwuma a, saa da no ara wɔde wɔn bɛhyɛ wo nsa na woasɛe wɔn.

16Ne saa nti, w’abaawa tee eyinom nyinaa no, mifii wɔn mu; na Onyankopɔn na wasoma me, sɛ me ne wo mmedi dwuma a ɛbɛyɛ wiase yi mu, baabiara a nnipa bɛte no ahodwiriw.

17W’afenaa yɛ Onyamesomni, a ɔsom ɔsoro Nyankopɔn awia ne anadwo. Ne saa nti, me wura, me ne wo bɛtena, na anadwo biara no w’afenaa befi adi akɔ bon no mu, na makɔbɔ Onyankopɔn mpae, na ɔbɛka bere a wɔayɛ bɔne no akyerɛ me.

18Na me nso mabɛka akyerɛ wo, na wo ne w’asraafo no nyinaa atu akɔ wɔn so, na wɔn mu biara rentumi nnyina w’anim.

19Na mede wo bekyin afi Yudea akosi sɛ wobedu Yerusalem; na mede w’ahengua besi hɔ na woaka wɔn sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo, na ɔkraman biara mpo rentumi mmue n’ano wɔ wo so. Efisɛ wɔada eyinom adi akyerɛ me dedaw sɛ minhu; wɔbɔɔ me nkae wɔ ho, na wɔsomaa me sɛ memmɛka nkyerɛ wo.

20Ne nsɛm a ɔkae no, yɛɛ Holoferne ne n’asomfo no nyinaa anigye, na ne nyansa yɛɛ wɔn nwonwa ma wɔkae sɛ:

21Ɔbea a ɔte sɛɛ a, ne ho yɛ fɛ na ɔka anyansasɛm de, ne sɛso nni wiase ha, fi ti kɔpem ti!

22Na Holoferne see no sɛ: Onyankopɔn ayɛ no yiye sɛ wasoma wo adi wo nkurɔfo anim kan abɛhyɛ yɛn den na wode ɔsɛe aba wɔn a wɔabu me wura animtiaa so.

23Ɛnyɛ sɛ wo ho yɛ fɛ nko, na mmom wo kasa nso yɛ dɛ sɛ. Na sɛ woyɛ nea woaka yi a, ɛnne wo Nyankopɔn bɛyɛ me Nyankopɔn, na wobɛtena Ɔhene Nebukadnesar ahemfi na wɔbɛte wo nka wɔ wiase nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help