Deuteronomium 34 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mose wu

1 Deut 3.27 Na Mose fii Moab tataw mu foro kɔɔ Nebo bepɔw so, Pisga atifi, wɔ Yeriko ntentenso, na AWURADE ma ohuu asase no nyinaa: Gilead de kosii Dan,

2ne Naftali nyinaa, ne Efraim ne Manase asase, ne Yuda asase nyinaa de kosii akyiri po no ho;

3ne nifa fam asase ne tataw a ɛyɛ nkyeresia kurow Yeriko bon no de kosii Soar.

4Gye 12.7 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Eyi ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefo na mede bɛma wɔn no: Na mama wode w’aniwa ahu, na ɔkɔ de, worenkɔ hɔ.

5 Deut 32.50 Na AWURADE akoa Mose wui wɔ hɔ, Moab asase so, sɛnea AWURADE kae no.

6Yuda 9 Na osiee no obon mu Moab asase so, Bet-peor ntentenso; na obiara nnim ne damoa de besi nnɛ.

7Na Mose wui no, na wadi mfirihyia ɔha aduonu. N’aniwa anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhuan.

8Na Israelfo suu Mose, Moab tataw mu adaduasa, na wodii Mose su ne ne gyam nna no wiei.

9Na nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma, efisɛ Mose de ne nsa guu no so; na Israelfo tiee no, na wɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

10Na odiyifo bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE huu no mmɔanim,

11nsɛnkyerɛnne ne anwonwade nyinaa a AWURADE somaa no sɛ ɔnkɔyɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa, Misraim asase so no fam,

12ne nsa a ɛyɛ den nyinaa ne ahude akɛse nyinaa a Mose yɛe Israel nyinaa anim no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help