1 Makabe 10 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Alesanda Epifane atuatew

1Afe ɔha ne aduosia mu no, Antioku ba Epifane, bɛtow hyɛɛ Polima so, dii so hene. Nnipa no penee no, na ofii ase dii wɔn so.

2Ɔhene Demetri tee eyi no, ɔde asraafo pii ne no kɔkoe.

3Demetri soma de nhoma kɔmaa Yonatan, bɔɔ no aba so, kaa no asomdwoesɛm.

4Na osee ne ho sɛ: Momma yɛne ntena asomdwoe mu, ansa na ɔne Alesanda akɔyɛ biako atia yɛn.

5Na ɔbɛkae bɔne a yɛyɛɛ no ne ne nuanom, ne ɔman yi nyinaa.

6Enti Demetri maa no tumi sɛ ɔnhwehwɛ asraafo. Na ɔmaa wɔn akode, na wɔbɛyɛɛ n'aboafo, na ɔhyɛɛ sɛ wonyi nneduafo a wɔwɔ abandennen no mu no mma no.

7Afei Yonatan baa Yerusalem bɛkenkan lɛtɛ no maa obiara a ɔwɔ abandennen no mu no tee.

8Ɛbɔɔ nnipa no hu: Sɛ wɔtee sɛ ɔhene ama Yonatan sɛ ɔnhwehwɛ asraafo

9Wɔde nneduafo no maa no, na ɔde wɔn kɔmaa wɔn awofo.

10Yonatan de Yerusalem yɛɛ n'ahenkurow, na ofii ase siesiee no.

11Ɔhyɛɛ adansifo no sɛ, wɔnto afasu no na wɔmfa abo ahinanan ntwa Sion bepɔw ho nhyia na ama ayɛ den.

12Afei amanaman mufo a, wɔwɔ abandennen a Bakide asi no mu no guanee.

13Wɔn nyinaa fii nea wɔwɔ hɔ, kɔɔ wɔn kurom.

14Bef-sur nkutoo na nnipa a wɔabu mmara so kae, efisɛ ɛhɔ ne wɔn guakɔbea.

15Afei Ɔhene Aleksanda tee bɔ a, Demetri ahyɛ Yonatan nyinaa, ne akodi ahorow a Yonatan ne ne nuanom adi, mmaninne ahorow a wɔayɛ, ne ɔhaw ahorow nso a wɔafa mu.

16Enti ɔkae sɛ: Yɛrenhwehwɛ ɔbarima a ɔte sɛ ɔno bio anaa? Hwɛ yɛde no bɛyɛ adamfo ne ɔboafo.

17Na ɔkyerɛw lɛtɛ de kɔmaa no a emu nsɛm no ne:

Yonatan bɛyɛ sɔfo panyin

18Ɔhene Aleksanda de nkyia kɔma ne nua Yonatan.

19Yɛate wo nka sɛ, ɔkofoni kɛse, na wofata sɛ wobɛka yɛn ho, sɛ ɔhene adamfo.

20Enti efi nnɛ, yɛapaw wo sɛ: Ɔsɔfopɔn wɔ wo man no mu. W'abodin ne: Ɔhene adamfo. Wone yɛn bɛyɛ nnamfo, na yɛayɛ biribiara abom. Ɔsoma de atade kɔkɔɔ yuu bi ne ahenkyɛw kɔmaa no.

21Enti afe ɔha aduosia mu no, Yonatan hyɛɛ atade kronkron yi, wɔ Asese Afahyɛ bere no mu. Na osiesiee akofo pii pɛɛ akode maa wɔn.

Yonatan boa Aleksanda Epifane

22Bere a Demetri tee eyi no, ɔde ahometew kae sɛ:

23Ɛyɛɛ dɛn na Aleksada dii yɛn kan? Wahyɛ ne gyinabea no den sɛ ɔde ne ho akɔbɔ Yudafo no ho. Me nso mɛkyerɛw no lɛtɛ sɛ adamfo, na mama gyinabea a ɛkron, na mede akyɛde aka ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa me.

25Enti ɔsoma de nsɛm yi kɔmaa wɔn.

Lɛtɛ a efi Demetri hɔ koma Yonatan

Ɔhene Demetri de nkyi yi ne nhoma yi ne mu nkyia yi kɔma Yudafo no.

26Ɛyɛ yɛn anigye, sɛ yɛate sɛ wadi nhyehyɛe no so, na yene wo nnamfofa no atim, na yɛn atamfo nso woankɔ wɔn fam.

27Kɔ so yɛ saa daa, na papa a woyɛ yɛn no yebetua wo so ka.

28Yɛbɛma wo fawohodi wɔ nneɛma pii mu, na yɛbɛkyɛ wo ade aka ho.

29Miyi wo ne Yudafo no nyinaa fi towtua, nkyene ho tow ne ahengua no tow ho.

30Afei fi nnɛ rekɔ mede aburow mu abupɛn abiɛsa mu baako, ne nnuaba mu abupɛn abien mu biako a ɛsɛ sɛ ɛyɛ me de no kyɛ wo. Na merennye hwee mfi Samaria ne Galilee a wɔde wɔn abɛka mo ho no nkyɛn.

31Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia nyinaa, ɛsɛ sɛ wobu wɔn kurow kronkron, na wogyae tow biara tua.

32Afei magyaa me tumi biara a mewɔ no wɔ Yerusalem aban no so no ama Ɔsɔfo Panyin no, na obiara a ɔpɛ no, otumi de hyɛ ne nsa.

33Na Yudani biara a wɔafa no nnommum akɔ m'ahemman no baabiara no, mede ne ho kyɛ no koraa a ontua hwee. Na mma obiara nnye hwee wɔ Yudani biara nguan anaa n'anantwi ho.

34Na afahyɛ ne homeda nyinaa, ne ɔsram foforo, nna titiriw bi, ne nnansa ansa na afahyɛ adu ne afahyɛ akyi nnansa nyinaa nyɛ ahofadi nna mma Yudafo nyinaa wɔ m'ahemman mu.

35Obiara nni ho kwan, sɛ ogye biribi, anaa ɔhyɛ Yudani biara abufuw wɔ ade biara ho, saa nna yi mu.

36Kyerɛw Yudafo ɔpeduasa din, wɔ ɔhene asraafo no mu, na wontua nea ɛfata mma wɔn, sɛnea wɔyɛ ma ɔhene asraafo no nyinaa no.

37Wɔmfa wɔn mu bi nwɛn abandennen no, na afoforo nso nni dwuma titiriw, wɔ aban no mu. Wɔmma Yudafo no nyɛ akannifo, na wɔmma wɔn kwan nni wɔn mmara ne wɔn amammerɛ so, sɛnea ɔhene ama Yudafo no ho kwan no.

38Mansin ahorow abiɛsa a, efi Samaria a wɔde aka Yudea ho no, wɔde bɛhyɛn Yuda mu koraa, na wɔde ahyɛ ɔsɔfo panyin no nkutoo tumi ase.

39Sika a minya fi Polema ahenkurow ne ɛho nsaase mu no, mede ne nyinaa ma sɛ wɔmfa nyɛ Yerusalem asɔrefi adwuma.

40Na afe biara no mehyɛ bɔ sɛ mefi adehye fotow a ɛsɛ mu atua dwetɛ 15,000 sɛ akyɛde.

41Ɔman no sika a wɔaboaboa ano, a bɛyɛ mfe bi ni wontuae nyinaa no wobetua, na atoa so ama kronkronbea hɔ adwumayɛ no.

42Nea ɛka eyi ho ne sɛ: Yɛrennye dwetɛ 5000 a yegye no afe biara fi kronkronbea hɔ no bio. Saa sika yi yɛ asɔfo a wɔyɛ hɔ adwuma no de.

43Afei obiara a wabɔ ne ho aguaa wɔ Yerusalem asɔredan no mu, anaa ne mpasua so baabi, na ɔde ɔhene ka no, wɔde ne ho ne n'agyapade nyinaa akyɛ no.

44Afei wobefi adehye fotow mu asiesie na wɔde asi Yerusalem kronkronbea hɔ bio

45Saa ara na wobefi adehye fotow mu, atow Yerusalem afasu no foforo, asiesie ɛho banbɔ nneɛma nyinaa bio. Na wɔbɛyɛ saa ama Yudea nkurow no bi nso.

46Bere a Yonatan ne n'akyidifo tee nea Ɔhene Demetri kae no, wɔannye annni, efisɛ wɔkae bɔne ne ɔhaw ahorow a wayɛ Israelfo no.

47Na wɔpɛ Alesksanda, efisɛ ɔno na odii kan ne wɔn yɛɛ asomdwoe apam. Na wɔyɛ ne nnamfo nso.

48Afei Ɔhene Alesksanda siesiee asraafo pii, sɛ wɔne Demetri rebɛko.

49Ahene baanu no de bɔɔ ani, maa Demetri ne ne dɔm dii nkogu.

50Ɔko mu yɛɛ den, ara kosii sɛ owia tɔe. Saa da no ara na Demetri wui.

Polemy ne Alesksanda yɛ apam

51Afei Alesksanda somaa abɔfo kɔɔ Misraim hene Polemi nkyɛn sɛ:

52Fi bere a mesan baa m'ahemman mu bɛtenaa me nenanom ahengua so, sɛ ɔhene no, midii Demetri so nkonim, na me man hyɛ me nsa.

53Me ne no koe na yedii ɔne n'asraafo so nkonim. Na yɛatena agua so wɔ n'ahemman mu.

54Afei ma yɛmfa yɛn ho nnamfo, na fa wo babea ma me aware, na menyɛ w'ase. Na mɛkyɛ wo ade, na makyɛ ɔbea no nso ade, sɛnea wo dibea te.

55Polemy maa no mmuae sɛ: Da a wobeduu w'asase so, na wobɛtenaa wo nenanom agua so no yɛ da kɛse.

56Na mɛyɛ nea woakyerɛw no, nanso hyia me wɔ Polema, na menhwɛ w'anim. Na mɛyɛ w'ase sɛnea woka no.

57Enti Polemi ne ne babea Kleopatra siim fii Misraim beduu Polema afe 162 no mu.

58Ɔhene Alesksanda hyiaa no de ne babea Kleopatra no maa no aware. Na wohyiaa ayeforo, sɛnea ɛfata ahemfo.

59Afei Ɔhene Alesksanda kyerɛw kɔmaa Yonatan sɛ onhyia no.

60Enti Yonatan de anigye ne osebɔ kohyiaa ahemfo baanu no wɔ Polema. Na ɔkyɛɛ wɔne wɔn nnamfo, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma pii. Na onyaa wɔn anim dom.

61Israelfo asowuifo bi ne nnipa kuw bi de nea ɛkɔɔ so no anyɛ wɔn abodwo, nanso ɔhene no ammua wɔn.

62Ɔhene no hyɛe sɛ wonyi Yonatan atade na wɔmfa tamkɔkɔɔ mfura no, na wɔyɛe.

63Ɔhene no de no tenaa ne nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ ne mpanyimfo sɛ: Mo ne no nkɔ kurow no abɔnten so, na mompae mu nka sɛ, obiara mfa asɛm bi nhaw no, na obiara nhyɛ no abufuw asɛm biara ho.

64Bere a n'atamfo no, huu anuonyam a wɔahyɛ no no, ne sɛ ofura tankɔkɔɔ no, woguanee.

65Enti ɔhene hyɛɛ no anuonyam, na ɔde no kaa n'ahemfo ho, de no yɛɛ ɔmansin soafo.

66Na Yonatan de anigye kɔɔ Yerusalem asomdwoem.

Yonatan di Apoloni so nkonim

67Afe 165 mu no, Demetri ba Demetri fi Krete baa ne nenanom asase so.

68Ɔhene Alesksanda tee eyi no, ɛhaw no pii, na ɔsan kɔɔ Antiokia.

69Ɛnna Demetri yii Apoloni sɛ ɔsoafo a ɔhwɛ Kolesiria, na ɔboaboaa asraafo pii ano, de wɔn kohyiaa Yamnia. Na ɔsoma de nsɛm yi kɔmaa Ɔsɔfo panyin Yonatan sɛ:

70Wo nkutoo na wobetumi ako atia yɛn, na wo nti, makɔ ahohora ne aniwu kɛse mu. Adɛn nti na wopene gye tumi tia yɛn wɔ ɔman yi mu?

71Sɛ afei wugye w'asraafo no di a, bra petee mu ha behyia yɛn, na yɛnsɔ yɛn ahoɔden nhwɛ. N'ahenkurow no gyina m'akyi.

72Bisa na hu onipa ko a meyɛ, ne nea m'aboafo no nso yɛ. Na nnipa bɛka akyerɛ wo sɛ: Wuntumi yɛn, na wo nenanom guan gyaw wɔn asase mprenu.

73Na worentumi m'asraafo a wɔnam fam no mpo, wɔ petee mu hɔ, beae a abo anaa mmosea nni, na baabi nso nni hɔ a woguan fa.

74Yonatan tee Apoloni nsɛm yi no, ne o fuwii. Na ɔfaa asraafo pedu, na wofii Yerusalem, na ne nua Simon fi kohyiaa no.

75Wɔbɔɔ nsra wɔ Yopa anim, nanso nkurɔfo no totoo apon mu efisɛ na Apoloni wɔ asraafo wɔ hɔ.

76Enti wɔkoe wɔ hɔ ara kosii sɛ ehu kaa kurow no mufo no na wobuebuee ahenkurow no apon no., na Yonatan dii Yopa so nkonim.

77Bere a Apoloni tee eyi no, ɔfaa fam asraafo mpensa, ne dɔm kɛse pii kɔɔ Asotu, yɛe sɛ wɔkɔ anim kakra, nso na wɔrekɔ petee mu hɔ, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran.

78Yonatan tiw no, koduu Asotu, na wɔde ɔko hyehyɛɛ so.

79Na Apoloni agyaw asraafo apem wɔ n'akyi a obiara nnim.

80Na Yonatan tee sɛ akwamukafo dɔm atwa ne ho ahyia, totow agyan fi anɔpa kosii anwummere.

81Nanso Yonatan dɔm no miaa wɔn ani, sɛnea Yonatan ahyɛ wɔn no, kosii sɛ atamfo no, apɔnkɔ no brɛe.

82Na Simon ne n'asraafo nso bae bebii wɔn so ma woguanee.

83Asraafo no bɔ petee wɔ sare no so. Woguan kɔɔ Asotu kɔhyɛn Bef-dagon abosonnan no mu, gyee wɔ ho nkwa.

84Na Yonatan too Asotu mu gya, na ɔtoo nkurow a atwa ho ahyia no mu gya, na Dagon abosonnan no ɔhyew no.

85Nnipa a wɔtotɔe nkrante ano ne wɔn a, ogya hyew wɔn animono bɛyɛ mpem awotwe.

86Yonatan fii hɔ no, ɔne ne dɔm kɔbɔɔ nsra wɔ Askalon, na nnipa no de anigye behyiaa no.

87Na ɔne wɔn a wɔka ne ho no, de asade pii baa Yerusalem.

88Ɔhene Alesksanda tee eyi no ɔkɔɔ so hyɛɛ Yonatan anuonyam.

89Na ɔde sika torobɛnto kɔmaa no sɛnea amane te, na wɔyɛ ma ahenemma no. Na ɔde Ekron ne ne mpasua so maa no sɛ ɛnye ne de.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help