Hesekiel 35 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Edom ho atemmusɛm

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Hes 25.8, 12 Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Seir bepɔw na hyɛ nkɔm tia no,

3na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:

Hwɛ, me ne wo anya, Seir bepɔw,

na mɛteɛ me nsa mahyɛ wo,

na mede wo mayɛ afo ne ahodwiriwde;

4mɛma wo nkurow adeda mpan,

na w’ankasa woadan afo,

na woahu sɛ mene AWURADE.

5Esiane sɛ wukuraa daa nitan, na wuyii Israel mma hyɛɛ nkrante nsa, wɔn amane bere mu, wɔn asotwe a edi akyiri no mu nti,

6Adi 16.5-6 sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, mede wo mɛyɛ mogya, na mogya atiw wo; sɛ woantan mogya nti, mogya ara na ebetiw wo!

7Na mɛyɛ Seir bepɔw ahodwiriwde ne afo, na matwa nea ɔresen ne nea ɔresan afi mu,

8na mede atɔfo mahyɛ ne mmepɔw amaama; wo nkoko so ne w’abon mu ne wo nsubon nyinaa mu na nkrante ano atɔfo begugu.

9Mɛyɛ wo daa afoafo, na wo nkurow no, obi rentena mu, na moahu sɛ mene AWURADE.

10Esiane sɛ woka sɛ: Aman abien yi ne nsaase abien yi, bɛdan me de na yɛafa adi so, nanso AWURADE wɔ hɔ,

11enti, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, me ne wo bedi no sɛ w’abufuw ne wo ninkunu a wo tan a wotan wɔn no nti wotwee no te, na mɛma wɔahu me wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn no;

12na wubehu sɛ me, AWURADE, mate w’abususɛm a woka tiaa Israel mmepɔw no sɛ: Ayɛ afo, yɛn na wɔde ama yɛn sɛ yenni, no nyinaa.

13Mode mo ano adi me so akokurokosɛm, na moama me ho nsɛm a moka no adɔɔso; me ara mate.

14Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛbere a asase no nyinaa ani begye no, wo de, mɛyɛ wo afo.

15Hes 25.3; Nnw 137.7 Sɛ w’ani gyee Israel fi agyapade ho sɛ ayɛ afo nti no, saa ara na mɛyɛ wo, afo ara na Seir bepɔw ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahu sɛ mene AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help