1Mede me koma nyinaa mɛda wo ase O, AWURADE,
mɛto wo dwom wɔ anyame no anim.
2 Nnw 26.8 Mɛkotow makyerɛ w’asɔrefi kronkron no,
na mada wo din ase,
w’adɔe ne wo nokware so,
sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa.
3Da a misu mefrɛe no, wugyee me so,
wohyɛɛ me baninha ma me kra nyaa ahoɔden.
4 Yes 2.3 AWURADE, asase so ahene nyinaa bɛda wo ase,
sɛ wɔate w’anom nsɛm.
5Na wɔbɛto AWURADE akwan ho dwom,
sɛ AWURADE anuonyam yɛ kɛse.
6 Nnw 113.5 Na AWURADE wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo,
na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.
7Menam ahohia mu a, woma me nkwa,
woteɛ wo nsa, m’atamfo abufuw so,
na wo nifa gye me.
8 Flp 1.6 AWURADE bewie di ama me,
AWURADE, w’adɔe wɔ hɔ daa,
wo nsa ano adwuma no, worennyaw no hɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
