Filipifo NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUNhoma a Paulo de kɔmaa Filipifo no yɛ nea ɔde kɔmaa asafo a edi kan a ɔbuee wɔ amannɔne wɔ Romafo mantam a wɔfrɛ no Makedonia. Ɔsomafo no kyerɛwee no bere a na ɔyɛ deduani na Akristofo adwumayɛfo bi nso asɔre atia no. Nkyerɛkyerɛ bɔne a na ɛkɔ so wɔ Filipo asafo no mu yɛ ade a na ɛhaw no kɛse. Nanso nhoma yi mu anigye ne awerɛhyɛm a ɛda adi yɛ ade a Paulo gyidi kɛse a ɔwɔ wɔ Yesu Kristo mu nkutoo na wɔtumi kyerɛ ase.Adwene a edi kan a ɔde kyerɛwee krataa yi ne sɛ, ɔbɛda ase wɔ akyɛde a Filipi Kristofo soma maa wɔde brɛɛ no bere a na ɔwɔ ahohiahia mu. Ɔfaa saa ɔkwan yi so hyɛɛ wɔn nkuran sɛnea wɔbetumi anya akokoduru ne awerɛhyɛm wɔ wɔn ne n’ankasa amanehunu mu. Ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmfa Kristo ahobrɛase su no bi sen sɛ wɔbɛma pɛsɛmenkomenya ne ahantan adi wɔn so. Ɔkaee wɔn sɛ wɔne Kristo nkabom no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn adom mu a wɔnam gyidi so na agye. Eyi de, emfi osetie a wɔyɛ ma Yudafo mmara ne wɔn som mu. Ɔkyerɛw faa anigye ne asomdwoe a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔaka wɔn abɔ mu wɔ Kristo mu no ho.Nea esi so dua pa ara yɛ anigye, awerɛhyɛm, nkabom, ne boasetɔ wɔ Kristosom gyidi ne asetena mu. Ɛsan yi Paulo dɔ a ɔwɔ ma Filipi asafo no adi.EMU NSƐMMfitiase nkyerɛkyerɛmu 1.1-11Paulo tebea a wakɔ mu 1.12-26Kristo mu abrabɔ 1.27—2.18Nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma Paulo ne Epafrodito 2.19-30Atamfo ne nea ɛyɛ hu ho kɔkɔbɔ 3.1—4.9Paulo ne ne nnamfonom a wɔyɛ Filipifo 4.10-20Awiei 4.21-23