1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 Yer 2.21 Onipa ba, dɛn na obobe dua de sen nnua nyinaa,
obobe baa a ɛwɔ wura mu nnua mu no?
3So wɔfa mu dua de yɛ adwuma bi,
anaasɛ wɔfa mu bi yɛ bofunnua, sɛ wɔde ade biara bɛsɛn so?
4 Yoh 15.6 Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahyew.
Sɛ ogya ahyew ano abien,
na mfinimfini ahyew a,
so ɛfata adwuma bi yɛ anaa?
5Hwɛ, ɛda so di mu no, wɔmfa nyɛ hwee hwee,
na menne sɛ ogya ahyew
na ahyew dwɛɛ yi,
na wɔde bɛyɛ biribi bio anaa?
6Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛnea obobe dua te kwae mu nnua mu, a mede mema ogya ma ɛhyew no, saa na mede Yerusalemfo mɛma,
7na meyi m’ani masa wɔn; wofi ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhyew wɔn, na moahu sɛ mene AWURADE, m’ani a miyi mesa wɔn no mu;
8na mɛma asase no adan afo, efisɛ wɔadi afomfonsɛm, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
