1 Hiob 1.6 Na da foforo bi, ɔsoro dɔm no bae sɛ wobegyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae bi sɛ obegyina AWURADE anim.
2Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wufi bae yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mifi asase so kyini ne ɛso anantenantew na mereba.
3Hiob 1.1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: So woadwen m’akoa Hiob ho? Na obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho; nanso ɔda so kura ne mudi no mu ara, na woahwanyan me ahyɛ no sɛ mensɛe no kwa.
4Na Satan buaa AWURADE sɛ: Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.
5Na afei teɛ wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!
6Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, oni, ɔwɔ wo nsam, ne nkwa nko na kyɛe so.
7Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe, na ɔde akuru bɔne kɔtotow Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.
8Na ɔfaa kyɛmfɛre bi sɛ ɔde rehuane ne ho, na ɔtenaa nso mu.
9 Hiob 19.17 Na ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: Woda so kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!
10Hiob 1.22; Yak 5.12 Na Hiob buaa no sɛ: Sɛ mmea nnyennyentwi no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Eyi nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.
Hiob nnamfonom bɛsra no11 Gye 36.15; Yer 49.7; Gye 25.2; Yos 15.41 Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba no so yi nyinaa no, wɔn mu biara fi nea ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wobehyiae sɛ wobegyam no na wɔakyekye ne werɛ.
12Na wofi akyirikyiri momaa wɔn ani so, na wohuu no no, wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno; na wɔmomaa wɔn nne so sui, na wosunsuanee wɔn ntade mu, na wɔtow mfutuma kɔɔ ɔsoro guu wɔn atifi.
13Na wɔne no tenatenaa fam nnansɔn adekyee ne adesae, na obiara ne no ankasa efisɛ wohui sɛ n’amanehunu no so dodo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
