Hesekiel NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUOdiyifo Hesekiel tenaa atukɔfo no mu wɔ Babel. Saa bere no yɛ Yerusalem sɛe akyi mfe ahanum aduɔwɔtwe asia no mu ansa na wɔwoo Yesu Kristo. Ne nsɛm no kɔ maa nnipa a wɔwɔ otukɔ mu wɔ Babel, ne wɔn a wɔkaa akyi wɔ Yerusalem nyinaa.Odiyifo Hesekiel nhoma no wɔ nkyekyɛmu atitiriw asia. 1. Onyankopɔn frɛ Odiyifo Hesekiel bɛyɛ Odiyifo. 2. Odiyifo no bɔ nnipa no kɔkɔ fa Onyankopɔn atemmu a ɛbɛba wɔ Yerusalem sɛe ho. 3. Nsɛm a efi Awurade hɔ, ɛfa n’atemmu a ɛbɛba aman a wɔhyɛɛ Onyame nkurɔfo so na ɛma wɔfom n’akwan no. 4. Awerɛkyekye a ɛbaa wɔ Yerusalem sɛe no akyi, ne bɔhyɛ, ne daakye anigye a ɛwɔ hɔ ma ɔman no. 5. Nkɔmhyɛ a etia Gog. 6. Odiyifo Hesekiel anisoadehu sɛ, Asɔrefi no ne ɔman no bɛsan asi wɔn dedaw mu bio.Hesekiel yɛ obi a ɔwɔ gyidi a emu dɔ na ɔwɔ anisoadehu a emu yɛ duru. N’atirimpɔw no mu fa kɛse no ara bae sɛ anisoadehu, na ɔde abrabɔ mu nsɛnkyerɛnne pii kyerɛkyerɛɛ ne nsɛm no ase. Odiyifo Hesekiel sii so dua sɛ, ehia sɛ nnipa nya komam ne honhom mu foforoyɛ, efisɛ nkorowankorowa biara bɛsoa ne bɔne ho nnesoa. Ɔpaee mu kaa n’anidaso a ɔwɔ, sɛ ɔman no bɛsan ayɛ foforo bio. Esiane sɛ ɔyɛ ɔsɔfo ne odiyifo nti, na Asɔrefi hɔ ne ne kronkronyɛ ho hia no pii.EMU NSƐMHesekiel frɛ 1.1—3.27

Nsɛm a ɛfa Yerusalem sɛe ho 4.1—24.27

Onyankopɔn bu amanaman no ntɛn 25.1—32.32

Onyankopɔn hyɛ ne nkurɔfo bɔ 33.1—37.28

Nkɔmhyɛ a etia Gog 38.1—39.29

Anisoadehu a ɛfa daakye asɔrefi ne ɔman no ho 40.1—48.35

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help