Yona 2 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yona mpaebɔ ne ne nkwagye

1Na Yona fi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpae sɛ:

2 Nnw 120.1 Mifi m’ahohia mu misu mefrɛɛ AWURADE,

na otiee me;

mifi asaman bun mu meteɛɛm,

na woate me nne.

3 Nnw 42.7 Na wotow me kyenee ebun mu,

ɛpo koma mu,

na ɔhweam twaa me ho hyiae;

w’asorɔkye ne w’aworo nyinaa bu faa me so.

4 Nnw 31.22 Na me nso mise: Wɔatu me afi w’anim,

nanso mɛkɔ so mahwɛ w’asɔrefi kronkron no kwan.

5 Nnw 18.4; 69.1 Nsu betwaa me ho hyiae beduu ɔkra ho,

ebun twaa me ho sii,

ɛpo mu wura kyekyeree me ti;

6 Nnw 103.4 misian mekɔɔ mmepɔw ntini ho tɔnn

mekɔɔ asamando na wɔkaa me too koransan kosii daa,

nanso wo AWURADE yii me fii owu amoa mu, AWURADE me Nyankopɔn.

7 Nnw 142.4 Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE,

na me mpaebɔ duu wo nkyɛn, yiw w’asɔrefi kronkron hɔ.

8 Nnw 31.6 Wɔn a wodi atoro ahoni akyi no,

pa wɔn dom no.

9 Nnw 50.14; 116.17-18 Na me de, mede aseda nne mɛbɔ wo afɔre,

nea mahyɛ ho bɔ no, metua;

efisɛ nkwagye fi wo AWURADE hɔ.

10AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase kesee so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help