Nnwom 58 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn ne ɔtemmufoWɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Nsɛe!” nne so. Dawid abebu dwom

1 Nnw 82 Mo atumfo, ampa ara moka asɛntrenee?

Oo, nnipa mma, mubu atɛntrenee anaa?

2Dabi, mudi asɛmmɔne koma mu,

mo nsam akokobirisɛm na mokari de ma, asase so.

3Abɔnefo bɔ ko fi yafunum,

wofi wɔn na yam fom kwan di atoro.

4Wɔn bɔre te sɛ ɔwɔ bɔre,

wɔte sɛ ahurutoa sitifo a wasiw n’aso

5 Ɔsɛ 10.11 a entie ntafowayifo a woyi nkonyaa nyansam.

6Onyankopɔn, bubu wɔn se wɔn anom,

AWURADE, tutu gyataforo sebɔmmɔfo.

7Wɔbɛyow sɛ nsu a ɛretwe,

ma wontiatia wɔn so sɛ sare,

na ma wɔnhyew.

8Ɔsen sɛ nwaw a wɔapɛtɛw no,

sɛ ɔba a ɔbea apɔn a onhuu owia da.

9Ansa na mo nkutu bɛte nsɔe no nka no,

sɛ ɛyɛ momono oo, ɛreben oo,

ɔde abufuhyew bɛpra ne nyinaa agu.

10Ɔtreneeni ani begye sɛ wahu aweredi,

ɔbɛhohoro ne nan ase, ɔbɔnefo mogya mu.

11 Nnw 7.8 Na nnipa bɛka sɛ:

Ampa, akatua wɔ hɔ ma ɔtreneeni,

ampa Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu atɛn asase so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help