Hiob 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Hiob bɔ ne nnamfo Onyankopɔn trenee ho kɔkɔ

1Hwɛ, m’ani ahu ne nyinaa,

m’aso nso ate, na ate ase;

2 Hiob 12.3 nea munim no, me nso minim;

mentɔ mu wɔ mo mu.

3Me de, mepɛ sɛ anka me ne Otumfo no mmom bɛkasa,

na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn beyiyi nsɛm ano.

4Na mo de, moyɛ atorofo,

ayaresafo ahuhufo ne mo nyinaa.

5 Mmb 17.28 Sɛ mumua mo ano mmom koraa a,

anka ɛyɛ nyansa ma mo.

6Muntie m’atɛnyi,

na monyɛ aso mma m’anoyi.

7So mobɛka nea ɛnteɛ ama Onyankopɔn,

na mode nnaadaa aka ama no?

8So mubegye ne ti,

anaasɛ mobɛham ama Onyankopɔn?

9So ɔhwehwɛ mo mu a, ebesi yiye,

anaasɛ mobɛdaadaa no sɛ wɔdaadaa ɔdesani?

10Sɛ mohwɛ nnipa anim kokoam a,

ɔbɛka mo anim ampa.

11So ne kɛseyɛ rentu mo bo,

na ne ho hu mma mo so?

12Mo mmɛ yɛ nso mmebusɛm,

mo anoyi yɛ dɔte anoyi.

13Mummua mo ani mfi me so,

na me ara menkasa,

na nea ɛbɛba me so mmra.

14Adɛn nti na memfa me honam mintua me se ano,

na memfa me kra mento me nsam?

15Sɛ ɔrekum me mpo a, mehwɛ ɔno ara;

m’akwan nko na mɛpere n’anim;

16eyi ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagye,

efisɛ ɔbɔnefo remma n’anim.

17Muntie, muntie nea mewɔ meka,

na m’asɛm nkyerɛase nhyɛn mo asom.

18Hwɛ, masiesie asɛnni mato hɔ,

minim sɛ me na medi bem.

19Hena ne nea ɔne me bɛham?

Ɛnne anka mɛyɛ komm na magyaa mu.

20O AWURADE sɛ woyɛ ade abien pɛ ma me a,

anka meremfa me ho minhintaw mfi w’anim:

21 Hiob 9.34 Yi wo nsa fi me so kɔ akyirikyiri,

na mma wo ho hu nnkita me;

22ɛno na frɛ me, na me nso megye so,

anaasɛ mɛkasa, na woabua me.

23Me bɔne ne me mfomso si ahe ara?

Ma minhu me mmarato ne me bɔne.

24 Hiob 19.11 Adɛn nti na wode w’ani hintaw,

na wubu me wo tamfo?

25So wubeyi ahaban a mframa de kɔ ahii,

na wubetiw nkraadua a aguan?

26 Nnw 25.7 Na wokyerɛw me ho nsɛm yawyaw

na woma midi me mmerantebere mu bɔne so ade.

27Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu,

na wowɛn m’akwan nyinaa,

wutwa m’anammɔn ho hye.

28Nso onipa de, ɔporɔw sɛ dufɔkye,

sɛ ntama a nwewee redi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help