Nnwom 88 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Sɔhwɛ kɛse mu mpaebɔKora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no Mahalat sanku so, Leanot nne so. Esrani Heman nnwenho dwom

1Ao! AWURADE, me nkwagye Nyankopɔn,

misu mefrɛ wo awia ne anadwo,

2ma me mpaebɔ nnu w’anim,

brɛ w’aso ase ma me nteɛm.

3Na ɔhaw ayɛ me kra ma,

na me nkwa rebɛn asaman.

4Wɔkan me fra wɔn a wɔkɔ amoa mu mu,

mayɛ sɛ ɔbarima a onni ɔboa bi.

5Wɔatow me akyene awufo mu,

sɛ atɔfo a wɔde wɔn agu ɔda mu

a wonkae wɔn bio,

na wɔatwa wɔn afi wo nsam.

6Wode me ato amoa donkudonku mu,

esum mu, ebun ase tɔnn.

7

8

11So wɔbɛka w’adɔe ɔda mu

anaa wo nokwaredi ɔsɛe amoa mu?

12So wobehu w’anwonwade, sum mu,

ne wo trenee, awerɛfiri asase so?

13Na me de, wo, AWURADE, na misu mefrɛ,

na me mpaebɔ tua wo ahema.

14AWURADE, adɛn na wotow me kra kyene,

adɛn nti na wode w’anim hintaw me?

15Meyɛ mmɔboroni, na mereyɛ mawu fi me mmofraase,

wo ho hu akura me, na metɔ ntintan.

16W’abufuw abu afa me so,

w’ahide atware me;

17atwa me ho ahyia te sɛ nsu daa adesae,

ɛbom twa me ho dantaban.

18 Nnw 88.8 Woayi ɔdɔfo ne adamfo afi me nkyɛn akɔ akyirikyiri,

na me manni akɔ sum mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help