Yohane 10 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nguannan ano pon no

1 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu, na ɔforo fa baabi no, yɛ owifo ne odwowtwafo;

2na nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no, ne nguan no hwɛfo.

3Ɔno na ɔponanohwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi.

4Na ɔma n’ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne.

5Na ɔhɔho de, wɔrenni n’akyi, wobeguan no, efisɛ wonnim ananafo nne.

6Yesu de bɛ yi buu wɔn; na wɔn de, wɔanhu asɛm ko a ɔkaa wɔn no.

7Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mene nguan no pon no.

8Oguanhwɛfo pa no

11

17 Eyi nti na agya no dɔ me, efisɛ mede me nkwa meto hɔ, na mafa bio.

18Yudafo no pɛ sɛ wokum Yesu

31 Yoh 8.59 Ɛnna Yudafo no tasee abo bio sɛ wɔde rebesiw no.

32Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a efi Agya no nkyɛn; emu nea ɛwɔ he nti na morebesiw me abo yi?

33Yoh 5.18; Mat 26.65 Yudafo no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebesiw wo abo, na abususɛm nti, efisɛ wo a woyɛ onipa yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.

34Nnw 82.6 Yesu buaa wɔn sɛ: Wɔnkyerɛw mo mmara mu sɛ: Mekae sɛ: Moyɛ anyame?

35Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wontumi nsan kyerɛw no a,

36Yoh 5.17-20 adɛn nti na moka nea Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, sɛ mekae sɛ: Onyankopɔn Ba ne me nti?

37Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnne munnnye me nnni;

38na sɛ meyɛ, na me de munnye me nni a, munnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahu sɛ Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ no mu.

39Yoh 8.59; Luka 4.30 Ɛnna wɔhwehwɛe bio sɛ wɔkyere no, na ofii wɔn nsa kɔe.

Yesu twa kɔ Yordan agya

40 Yoh 1.28 Na osiim kɔɔ Yordan agya noho bio wɔ faako a Yohane bɔɔ asu kan no, na ɔkɔtenaa hɔ.

41Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yohane anyɛ sɛnkyerɛnne bi de, nanso nneɛma a Yohane kae wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokware.

42Na nnipa pii gyee no dii wɔ hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help