1 Yohane 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Gyidi mu tumi ne n’adansedi

1 1 Yoh 4.15-16 Obiara a ogye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ nea ɔwoe no, ɔdɔ nea ɔwoo no no nso.

2Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yedi n’ahyɛde so a, ɛno ara na yɛde hu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma.

3Yoh 14.15; 14.23-24; Mat 11.30 Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.

4Yoh 16.33 Efisɛ biribiara a Onyankopɔn woe no di wiase so nkunim, na nkunim a adi wiase so ne yɛn gyidi.

51 Yoh 4.4 Ɛhena ne nea odi wiase so nkunim sɛ nea ogye di sɛ Yesu ne Nyankopɔn ba no?

Onyankopɔn Ba no ho adanse

6 Yoh 19.34-35 Oyi ne nea ɔnam nsu ne mogya so bae, Yesu Kristo no, na ɛnyɛ nsu nko mu, na mmom ɛyɛ nsu ne mogya mu. Na honhom no na edi adanse, efisɛ honhom no ne nokware.

7Na baasa na edi adanse,

8honhom ne nsu ne mogya, na baasa yi bom yɛ biako.

9Yegye nnipa adanse a, Onyankopɔn adanse so kyɛn no, na Onyankopɔn adanse ne adanse a wadi ne ba ho no.

10Rom 8.16 Nea ogye Onyankopɔn ba no di no wɔ adanse n’ankasa ne mu. Nea onnye Onyankopɔn nni no ama wadan ɔtorofo, efisɛ wannye adanse a Onyankopɔn adi ne ba ho no anni.

11Na eyi ne adanse no, sɛ Onyankopɔn ama yɛn daa nkwa, na nkwa yi wɔ ne ba no mu.

12Nea ɔwɔ ɔba no wɔ nkwa no; nea onni Nyankopɔn ba no, onni nkwa no.

Awiei

13Eyinom na makyerɛw mabrɛ mo a mugye Onyankopɔn ba no din di, na moahu sɛ mowɔ daa nkwa, na moagye Onyankopɔn ba no din adi.

14 1 Yoh 3.21-22; Yoh 14.13 Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.

15Na sɛ yenim sɛ otie yɛn, nea yɛsrɛ no ho a, yenim sɛ yɛwɔ nneɛma a yɛasrɛ ne nkyɛn no.

16Mat 12.31; Heb 6.4-6 Sɛ obi hu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owu mu; ɛno ho de, menka sɛ ommisa.

17Nea ɛnteɛ nyinaa yɛ bɔne, na bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔ owu mu.

18 1 Yoh 3.9 Yenim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne; na mmom nea Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefo no nka no.

19Gal 1.4 Yenim sɛ, yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefo no tumi ase.

20Yoh 17.3; Rom 9.5 Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.

211 Ko 10.14 Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfi ahonisom ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help