Yudit 2 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔsa a wotuu no Atɔe fam

1Afe a ɛto dunwɔtwe no, ɔsram a edi kan no da a ɛto so aduonu abien no, wɔkɔkaa asɛm wɔ Asiriahene, Nebukadnesar ahemfi, ɛfa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛtɔ were wɔ amantam no so sɛnea ɔkae no.

2Ohyiaa n’abaguafo ne n'adehye nyinaa boaa ano, na ɔde n'atirimpɔw nsɛm too wɔn anim, ɔno ara de n’ano kaa sɛnea ayakayakasɛm kɔ so wɔ mantam no mu.

3Na wɔbɔɔ pɔw sɛ obiara a wanni ɔhene anom asɛm no so no, wonkum no.

4Bere a Asiriahene, Nebukadnesar de n’adwene too gua wiei no, ɔfrɛɛ ne sahene panyin Holoferne a ɔhene nni hɔ a ɔno na ɔhwɛ akyi no, see no sɛ:

5Saa na ɔhene kokroko no, asase nyinaa so tumfo no se: Fi m’anim ha kɔ na koyi nkurɔfo a wunim sɛ wɔte apɔw yiye a wɔn mu fam asraafo, mpem ɔha aduonu, ne apɔnkɔso asraafo mpem dummien.

6na kotu atɔe aman no nyinaa so sa, efisɛ wɔanni m’asɛm so.

7Ka kyerɛ wɔn ma wonsiesie asase no ne nsu, na mereba wɔn so wɔ m'abufuhyew mu, na mede m'asraafo anan, bɛkata asase no so wɔ hɔ nyinaa, na mede wɔn bɛma m’asraafo na wɔafom wɔn nneɛma,

8akɔpem sɛ wɔn apirafo bɛhyɛ mmɔnka amaama, na wɔn afunu ahyɛ asuten ma abu so.

9Na mɛfa wɔn nnommum akɔ asase ano nyinaa.

10Monni kan nkogye wɔn amantam no nyinaa ansa na madu hɔ. Ma wonnyaa wɔn ho mma wo, na kura wɔn ma me nkosi da a wɔn asotwe bɛba wɔn so.

11Mmom sɛ wɔpo sɛ wɔbɛyɛ saa a, mmu w’ani ngu so sɛ wobekunkum wɔn na wafow wɔn nneɛma wɔ mantam hɔ nyinaa.

12Sɛ mete ase yi, na ɛnam tumi a mewɔ wɔ m’ahemman yi mu nti, nea m’ano aka biara mɛyɛ.

13Na wo de, hwɛ yiye na wantow nea wo wura ahyɛ no mu biara ankyene, na si pi sɛ wobɛyɛ ne nyinaa, sɛnea mahyɛ wo no; na ntwentwɛn wo nan ase koraa.

Holoferne ɔko nhyehyɛe

14Nti Holoferne fii ne wura no anim na ɔfrɛɛ Asaria asraafo no mu asahene ne akunini ne atitiriwfo nyinaa boaa ano.

15na ɔhyehyɛɛ wɔn, paw asraafo no mu akuwakuw sɛnea ne wura ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no ara, wɔn dodow yɛ mpem ɔha aduonu, ne agyantofo mpem dumien a wɔtete apɔnkɔ so,

16na ɔhyehyɛɛ wɔn sɛnea wɔhyehyɛ asraafo kɔ sa.

17Ɔfaa yoma ne apɔnkɔ pii a wɔbɛsoa nneɛma, nguan, anantwi ne mpɔnkye pii a wɔde bɛyɛ nnuan adi;

18ne aduan pii a obiakofo biara bedi, sika ne dwetɛ pii fii ahemfi hɔ.

19Ɔne dɔm no nyinaa sii mu, dii ɔhene Nebukadnesar anim kan na ɔde nteaseɛnam ne apɔnkɔ, ne fam asraafo a wɔyɛ nnam kɔhyɛɛ asase no so ma ara kosii asase no atɔe pɛɛ.

20Ate 7.12; Yoel 2.2-11 Wɔne amanfrafo asraafo dɔm a wɔn dodow te sɛ mmɛbɛw, ne asase so mfutuma, a wontumi nkan wɔn, na ɛkɔe.

21Wɔde nnansa twaa kwan fi Niniwe koduu Bektilef petee mu, na wɔbɔɔ mpasua wɔ beae a ɛne Bektilef di nhwɛanim a ɛbɛn bepɔw Silisia atifi fam.

22Holoferne fi hɔ de ne dɔm no nyinaa, fam asraafo, apɔnkɔso asraafo ne nteaseɛnam kɔɔ nkokoso aman no mu,

23kɔyɛɛ Put ne Lud pasaa na wɔkɔbɔɔ nnipa a wɔwɔ Rassis ne Ishmaelfo a wɔwɔ anweatam no ahye so wɔ Kelleafo man no fam.

24Akyiri yi ɔtoaa so koduu Euphrate ano, de koduu Mesopotamia, na ɔsɛe nkoko so nkurow a wɔdeda Abron ɔtare ho, de koduu po no ho.

25Ɔfaa Silisia amantow no nnommum, na okum obiara a osiw no kwan, na ɔbaa Yafet ahye a ɛkyerɛ, Arabia no.

26Otwaa Midiafo nyinaa ho hyiae, na ɔhyew wɔn ntamadan na wɔfow wɔn nguan.

27Akyiri yi osian kɔɔ Damasko petee mu, awi twabere no, na ɔhyew wɔn nsaase, kunkum wɔn nguan ne anantwi nyinaa na otuu nnipa a wɔwɔ nkurow no mu no fii mu na ɔsɛe wɔn nsaase na ɔde nkrante kunkum wɔn mmerante nyinaa nso.

28Eyi nti ne ho hu ne akomatu tɔɔ wɔn a wɔdeda mpoano aman: Sidon, Tyre, ne wɔn a wɔwɔ Sur, Okina ne Yamnia nyinaa. Na wɔn a wɔwɔ Asoto ne Askalon suroo no kɛse.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help