1Onyankopɔn, yɛ aso tie me mpaebɔ,
na nhintaw wo ho mfi me nkotɔsrɛ ho.
2Wɛn w’aso ma me, na gye me so.
M’adwene nnwam me nkɔmmɔ mu, na misi apini,
3ɔtamfo nne ne abɔnefo ahoguan nti.
Na wɔbɔ mmusu gu me so,
na wɔde abufuw tan me.
4Me koma pere wɔ me mu,
na owu ho hu agu me so.
5Osuro ne ahopopo aba me so,
na ahoyeraw akata me so.
6
8Anka mɛyɛ ntɛm maguan mafi mframa kɛse
ne ahum yi mu.
9
20Ɔteɛ ne nsa ne yɔnko pa nom so,
wabu n’apam so.
21 Yer 9.7; Nnw 57.4 N’anom nsɛm yɛ fekɔɔ sen bɔta,
nanso ɔko wɔ ne komam.
Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sen ngo,
nanso ɛyɛ mfoa a wɔatwe.
22 1 Pe 5.7 Dan w’adesoa to AWURADE so,
na obeso wo mu,
ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.
23 Nnw 102.24 Na wo, Nyankopɔn, wode wɔn bɛkɔ ɔsɛe amoam,
mogyapɛfo ne nnaadaafo renni wɔn nna fa,
na me de, mede me ho meto wo so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
