1Nyansa nyinaa fi Awurade hɔ na ɛba
na ne nsam na ɛwɔ afebɔɔ.
2Mpoano anwea, ne obosu a ɛpete
ne nna a enni awiei no,
hena na obetumi akenkan?
3Ɔsoro korɔn, asase tɛtrɛtɛ,
ne nyansa bun a enni awiei no,
hena na obetumi ahwehwɛ mu?
4Wɔbɔɔ nyansa kan, ansa na wɔbɔɔ biribiara
na ntease a emu dɔ wɔ hɔ fi tete.
6Nyansa abɔse, hena na wɔada no adi akyerɛ no?
Adwene a ɛyɛ nnam, hena na onim?
8Onipa biako pɛ na onim nyansa
ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no yiye,
Nea ɔte n’ahengua so, Awurade no.
9 Mmb 8.22-31; Sir 24.9 Ɔno ara na ɔbɔɔ nyansa
Ohuu nyansa na ɔkarii no,
Ohwiee nyansa guu ne nnwuma nyinaa so,
10de guu ateasefo nyinaa so sɛnea n’akyɛde te,
ɔde nyansa mmoroso maa wɔn a wɔdɔ no no.
AWURADE suro yɛ nyansa kɛse11Awurade suro yɛ anuonyam ne ahurusi,
ahomeka ne anigye abotiri.
12AWURADE suro ma akoma di ahurusi
na ɛma ahomeka ne anigye ne nkwa tenten.
13Wɔn a wosuro Awurade no,
ebewie wɔn yiye;
Na wɔn wuda mu mpo, wobehyira wɔn.
14Awurade suro ne nyansa mfiase;
wɔbɔɔ ɔne agyidifo wɔ awotwaa mu.
15Ɔne nnipa twea ti bo fapem,
na nkyirimma de gyidi
ne awerɛhyɛm begyina no so
daa nyinaa.
16Awurade suro yɛ nyansa pii;
Ɔde nyansa aba no mee nnipa;
17 Nya 7.11 Ɔde nneɛma pa a ɛho hia hyɛ wɔn adan mu ma,
na ɔde ne nnɔbae hyɛ wɔn fi ma.
18Awurade suro yɛ nyansa ahenkyɛw
na ɛma asomdwoe ne apɔwmuden kɔ so.
19Ɛma nimdeɛ ne ntease a ɛfata pii,
na ɛma wɔn a woso ne mu dennennen no
anuonyam hyerɛn,
20 Mmb 3.16; 4.10 Awurade ne nyansa mfiase,
na ne mman yɛ nkwa tenten.
21Awurade suro pam bɔne
na beae a nyansa wɔ no
bɔne ntena hɔ.
Abotare ne Ahohyɛso22Abufuw a ntease nni mu no nye,
na onipa abufuw twetwe no kɔ bɔne mu.
23Wɔn a wɔwɔ boasetɔ no tena komm twɛn bere pa,
na akyi yi anidahɔ yɛ wɔn kyɛfa.
24Wɔkora wɔn nsɛm kodu bere pa;
na nnipa dodow de wɔn ano ka wɔn suban pa ho asɛm.
Nyansa ne Onyankopɔn ho nidi25Nyansa adekoradan mu na kasa pa wɔ,
nanso Onyamesuro yɛ akyiwade ma ɔdebɔneyɛfo.
26Sɛ wopɛ nyansa a, kora mmara nsɛm no,
na Awurade de bɛma wo.
27Efisɛ Awurade suro yɛ nyansa ne atenetene,
na nokwaredi ne ahobrɛase na n'ani gye ho.
28Nyɛ asoɔden mma Awurade suro;
na mfa adwene ntanta mma n'anim.
29Nyɛ nyaatwom wɔ nnipa ani so,
na hwɛ w’ano so yiye.
30Mma wo ho so, na wobɛhwe ase,
na woatwetwe animguase ama wo ho.
Awurade bɛma w'ahintasɛm ada adi
na ɔde wo akyene wɔ nnipa dodow no nyinaa anim,
efisɛ woamfa suro amma Awurade anim,
na nnaadaa ahyɛ wo koma ma.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.