Nnwom 7 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn bu atɛntreneeDawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti ɔto maa AWURADE

1 1 Sa 24.10; 26.19; 2 Sa 16.5-11 AWURADE, me Nyankopɔn, wo na miguan metoa wo.

Gye me m’atiwfo nyinaa nsam, na yi me!

2 Nnw 10.8-9 Na wɔansunsuan me kra sɛ gyata antetew me

a ogyefo bi nni hɔ.

3 Hiob 31.7-34 AWURADE, me Nyankopɔn, sɛ mayɛ eyi,

na amumɔyɛde bi wɔ me nsam,

4sɛ mayɛ nea ɔne me te asomdwoe mu bɔne,

na madi nea ɔhaw me kwa no amim bi a,

5ma ɔtamfo ntaa me kra,

na ɔnkyere me, na ontiatia me nkwa so wɔ ɛfam,

na ɔmma m’anuonyam nyɛ fam.

6AWURADE, sɔre w’abufuw mu,

ma wo ho so tia m’ahohiahiafo anuɔden,

na nyan ma me, wo a woahyɛ atemmu.

7Na ma aman asafo ntwa wo ho nhyia,

na san fi wɔn so kɔ soro.

8 Nnw 18.20-26 AWURADE bebu aman atɛn;

AWURADE di m'asɛm sɛnea me trenee

ne bem a ɛwɔ me mu te.

9 Nnw 104.35; Yer 11.20; 17.10; Adi 2.23 Ao, ma ɔbɔnefo bɔne to ntwa ɛ!

Na ma ɔteneneeni ntim.

Na wone trenee Nyankopɔn

a wosɔ koma ne adwene hwɛ.

10 Nnw 3.3 Me kyɛm wɔ Onyankopɔn nsam,

ɔno na ogye koma mu treneeni nkwa.

11 Nnw 9.4 Onyankopɔn ne ɔtemmufo trenee,

ne Onyankopɔn a ɔteɛteɛ daa nyinaa.

12 Deut 32.41; Kwa 2.4; 3.12 Sɛ obi annan n’akwan a Onyankopɔn bɛsew n’afoa,

wakuntun ne tadua mu, na wasiesie.

13Na wasiesie owu ade ama onii ko no,

wayɛ n’agyan ma no hyew ade.

14Hwɛ, omumɔyɛfo nyinsɛn amumɔyɛ,

na ɔnyem ɔhaw,

na ɔwo atoro.

15 Mmb 26.27 Watu amoa, na wafunu mu,

na ɔtɔ tokuru a ɔno ara tui no mu.

16Ne mmusu resan abua n’atifi,

na n’amim abua ne mpampam.

17Mɛda AWURADE ase sɛnea ne trenee te,

na mato ayeyi dwom mama AWURADE a ɔwɔ sorosoro no din.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help