1 Eks 15.18; Nnw 97.1; 99.1; 96.10 AWURADE di hene,
ɔde anuonyam ahyehyɛ ne ho.
AWURADE ahyehyɛ ne ho,
ɔde ahoɔden akyekyere ne ho,
na wiase tim hɔ a ɛrenhim.
2W’agua tim hɔ fi tete,
wowɔ hɔ fi daa.
3Asuten ama so, AWURADE,
asuten ama wɔn nne so,
asuten ma wɔn huuyɛ so.
4Nea ɔsen nsukɛse nne,
nsu a ɛwɔ tumi,
po mu asorɔkye nne,
ɔne ɔsoro hɔ tumfo AWURADE
5 Nnw 19.7-10 W’adansesɛm yɛ nokware pii;
kronkronyɛ na ɛfata wo fi,
AWURADE, nnasanten nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
