1 1 Ah 17.1-24; 18.38; 19.15, 16; 2 Ah 1.10-16; 2.11; Mal 4.5, 6 Na odiyifo Elia sɔree sɛ ogya,
na n’asɛm no dɛw sɛ gyatɛn.
2Ɔmaa ɔkɔm baa wɔn so
na ɔde ne mmɔdemmɔ maa wɔkaa kakraa bi.
3Ɔnam Awurade asɛm so too ɔsoro mu,
na bio nso ɔmaa ogya sian baa mprɛnsa.
4Elia wo ho yɛ hu sɛ, na w'anwonwade nso yɛ hu!
Hena na n'anuonyam sɛ wo de?
5Wode Ɔsorosoroni no nsɛm
nyanee owufo fii owu mu, ne asaman;
6Wokaa ahemfo kɔɔ ɔsɛe mu,
ne akunini fii wɔn mpa so;
7Wotee nkanim wɔ Sinai
ne aweredi ho atemmu wɔ Horeb;
8Wosraa ahemfo ngo ma wɔmaa aweredi ho asotwe,
ne adiyifo a wɔhyɛɛ w’ananmu no.
9Wɔmaa wo so kɔɔ soro wɔ gyaframa mu.
wɔ teaseɛnam ogya apɔnkɔ mu;
10Bere a ɛsɛ mu, na wɔakyerɛw ato hɔ sɛ;
ɛyɛ wo nkrabea,
sɛ wobɛma Nyankopɔn abufuw abrɛ ase.
na woadan agyanom koma aba wɔn mma so,
na wode Yakob mmusuakuw asan aba.
11Wɔn a wohuu wo nyinaa ani gyei,
na wɔdɔɔ wo yiye,
efisɛ yenim sɛ yɛwɔ nkwa bi.
Elisa12 2 Ah 2.9, 13 Bere a mframaden betwaa Elia ho hyiae no,
ne sunsum kɔhyɛɛ Elisa ma;
na ɔyɛɛ anwonwade a ɛboro Elia de no so mprennu.
na asɛm biara a efii n'anom no yɛɛ anwonwade.
ne nkwa nna nyinaa mu ne ho ampopo wɔ ɔman sodifo biara anim,
na obiara anhunahuna no da.
13 2 Ah 13.20, 21 Biribiara anyɛ no yɛna,
na bere a owui no, ne funu hyɛɛ nkɔm.
14Ne bere so no ɔyɛɛ anwonwade,
na owui mpo no, na ne nnwuma yɛ nwonwa.
15Eyinom nyinaa akyi no, nnipa annu wɔn ho,
na wɔannyae bɔne yɛ,
kosii sɛ wɔfaa wɔn nnommum fii wɔn asase so
na wɔpetee asase nyinaa so;
nnipa kakraa bi pɛ na wɔkae,
nanso na wɔwɔ odikanfo a ofi Dawid abusua mu.
16Wɔn mu binom yɛɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani,
nanso afoforo kɔɔ so yɛɛ bɔne ara.
Hesekia17 2 Ah 20.20 Hesekia bɔɔ kuropɔn no ho ban
na ɔde nsu baa kurow no mfinimfini.
Ɔde dade twitwaa ka wɔ abotan mu
na ɔde yɛɛ nsubura.
18 2 Ah 18.13-17 Ne bere so na Senakerib bae bebutuw ɔman no pasaa,
na ɔsomaa ne sraani panyin no ma ɔbae;
Ɔmaa ne nsa so de tiaa Sion
na ɔde ahantan maa ne ho so pii.
19Na wɔn koma tui na wɔn abasa mu gowee,
na wɔn ho yeraw wɔn, sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu.
20 2 Ah 19.15-20, 35 Nanso wosu frɛɛ Awurade a ɔyɛ ɔyamyefo no,
wɔtrɛw wɔn nsam kyerɛɛ no;
na Ɔkronkronni no fi soro tiee wɔn ntɛm so,
na ɔnam Yesaia nsa so gyee wɔn.
21Awurade bubuu Asiriafo nsraban no,
na ne bɔfo kunkum Asiriafo no nyinaa fii hɔ.
22Efisɛ Hesekia yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani,
na odii n’agya Dawid anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ,
sɛnea odiyifo Yesaia hyɛɛ no ara pɛ,
ɔno na ɔyɛɛ kɛse ne ɔnokwafo wɔ
n’anisoadehu no ho.
Yesaia23 2 Ah 20.10, 11 Yesaia bere so no owia gyinae
na ɔmaa ɔhene nkwa waree.
24Ne sunsum mu tumi nti, ohuu daakye mu nsɛm,
na ɔkyekyee awerɛhowfo werɛ wɔ Sion.
25Ɔdaa nneɛma a awiei no ɛbɛba no adi,
ne nea ahintaw adi ansa na ɛbae.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.