Yohane 2 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Kana ayeforohyia

1Na da a ɛto so abiɛsa no, wohyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na Yesu ne na wɔ hɔ.

2Na wɔahyia Yesu ne n’asuafo no nso aba ayeforo no ase bi.

3Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wonni nsa.

4Yoh 19.26; Mat 12.48 Yesu see no sɛ: Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnui.

5Na ne na see asomfo no sɛ: Biribiara a obese mo no, monyɛ!

6Mar 7.3-4 Nso abo nsuhina asia sisi hɔ, sɛnea Yudafo ahodwira te, biako betumi agye galɔn aduonu anaa aduasa.

7Yesu see wɔn sɛ: Momfa nsu nhyehyɛ nhina yi mama! Na wɔhyehyɛɛ no ma tɛntɛnn.

8Na osee wɔn sɛ: Afei monsesaw mfa nkɔma adidiihwɛfo no!

9Na wɔde kɔe. Na adidiihwɛfo no kaa nsu a adan nsa no hwɛe no, na onnim nea efi, (na asomfo a wɔsesaw nsu no de na wonim) na adidiihwɛfo no frɛɛ ayeforokunu no,

10na osee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea enye ba; na wo de, wode nsa pa no asie abedu sesɛɛ.

11Yoh 1.14 Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.

Kapernaum ne Yerusalem

12 Yoh 7.3 Eyi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔne ne na, ne nuanom, ne n’asuafo no, na wɔanni nna bebree wɔ hɔ.

13Na Yudafo Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem.

Yesu pam aguadifo fi asɔrefi(Mateo 21.12-13; Marko 11.15-17; Luka 19.45-46)

14Na okohuu wɔn a wɔtɔn anantwi ne nguan ne mmorɔnoma ne sikasesafo sɛ wɔtete asɔrefi.

15Na ɔde hama yɛɛ mpire pam wɔn nyinaa, nguan ne anantwi no fii asɔrefi hɔ, na ohwiee sikasesafo no sika gui, na ɔkaa apon no butubutuwii;

16na osee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa eyinom mfi ha, monnyɛ m’Agya fi aguadi fi!

17Nnw 69.9 Na n’asuafo no kaee sɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo fi ho mmɔdemmɔ amene me.

Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ

18 Mat 21.23 Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Sɛnkyerɛnne bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ eyinom?

19Mat 26.61; 27.40 Yesu bua see wɔn sɛ: Munnwiriw asɔredan yi, na mede nnansa mɛma so bio.

20Ɛnna Yudafo no se: Mfirihyia aduanan asia na wɔde sii asɔredan yi, na wo de, nnansa na wode bɛma so?

21Kol 2.9; Heb 10.10 Na ɔno de, ɔkae no, na ɔde ne nipadua asɔredan.

22Enti ɔsɔre fii awufo mu no, na n’asuafo no kaee sɛ waka eyi, na wogyee kyerɛw no ne nsɛm a Yesu kae no dii.

Yesu akyidifo foforo

23Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ no ase no, afahyɛ no ase nnipa bebree huu ne nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe no, na wogyee ne din dii.

24Na Yesu ankasa de, wamfa ne ho anto wɔn so, efisɛ onim wɔn nyinaa,

25Mar 2.8 na enhia no sɛ obi di onipa ho adanse; na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help