1 Samuel 29 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Filistifo no po Dawid

1 1 Sa 4.1 Afei Filistifo boaboaa wɔn dɔm nyinaa ano baa Afek, na Israelfo kɔbɔɔ nsra nsuaniwa a ɛwɔ Yesreel no ho.

2Na Filistifo asafohene betwaa mu, ɔha ha ne apem apem so, na Dawid ne ne mmarima no ka Akis ho betwaam wɔ kyidɔm no mu.

3Ɛnna Filistifo asafohene no kae sɛ: Na Hebrifo yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifo asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israel hene Saul akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfe sɛɛ yi a minhuu ne ho bɔne bi fi da a ɔwaee de besi nnɛ no ni?

4Na Filistifo asafohene no bo fuw no, na Filistifo asafohene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma ɔbarima yi nsan, na ɔnsan nkɔ ne tenabea a wode no tenae hɔ, na mma ɔne yɛn nnkɔ ɔsa no, na wannan n’ani ankyerɛ yɛn ɔko no mu; na ɛdɛn na oyi de bɛpata ne wura? So ɛnyɛ nnipa yi ti?

51 Sa 18.7 So ɛnyɛ Dawid a wogyee ne ho dwom so asaw mu sɛ:

“Saul akum n’apem, apem

na Dawid akum ne ɔpedu ɔpedu, no ni anaa?”

6Ɛnna Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, woteɛ, na me de, anka eye ma me sɛ wo ne me bedi akɔneaba ɔsa yi mu; efisɛ efi da a wobaa me nkyɛn de besi nnɛ, minhuu wo ho bɔne bi ɛ; na asafohene no na ɛmpɛ wo.

7Enti san, na kɔ asomdwoe mu, na wo ho anyɛ Filistifo asafohene no ahi.

8Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Na dɛn na mayɛ, na dɛn na woahu w’akoa ho fi da a mebaa w’anim de abesi nnɛ yi a enti mennkɔ na me ne me wura ɔhene atamfo nnkɔko yi?

92 Sa 19.27 Na Akis bua see Dawid sɛ: Minim sɛ wuye m’ani so sɛ Onyankopɔn bɔfo; nso Filistifo asafohene no se: Ɔne yɛn renkɔ ɔsa no.

10Enti monsɔre anɔpahema, wo ne wo wura nkoa a wɔne wo bae no; na mosɔre ahema no na anim tetew ara pɛ a, moasim akɔ.

11Ɛnna Dawid ne ne mmarima no tuaa ahema siim sɛ wɔresan akɔ Filistifo asase so. Na Filistifo no baa Yesreel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help