Yesaia 46 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Babel abosom asehwe

1 butuw, Nebo kotow;

mmoa ne anantwi soso wɔn ahoni;

wɔakyekye nea moso yi

asoasoa mmoa a wɔrebrɛ.

2Wɔbom kotow butuw;

wontumi ansoa nnosoa no;

na wɔn ankasa nso kɔ atukɔ mu.

3Yakob fifo muntie me

ne Israel fi nkae nyinaa,

mo a maturu mo afi yafunu mu

na masoa mo afi awotwaa mu no,

4 Nnw 71.18 Na ekosi w’akorayɛ ne wo mmerewayɛ mu mpo, mene me ara,

na ekosi dwen fuw mu mpo,

mɛbɔ wo akɔnkɔn. Me na mɛyɛ,

na me na mɛsoa, me na mɛbɔ wo akɔnkɔn, na mayi wo masi.

5 Yes 44.9-20 Hena na mode me bɛto ne ho na mode me agyina ne ho,

na mode no besusuw me, na yɛasɛ?

6Wɔn a, wohwie sika fi fotow mu,

na wɔde nsenia kari dwetɛ;

wɔbɔ sikadwumfo paa sɛ ɔnyɛ no onyame,

wɔkotow, na wɔsɔre no.

7Wɔma no so bɔ no akɔnkɔn

kɔsoɛ no si ne sibea, na esi hɔ;

ɛntwe ne ho mfi n’afa;

sɛ obi teɛm frɛ no a, ommua,

na ontumi nnye obi n’ahohia mu.

Nkwagye no bɛn

8Monkae eyi, na munnwen ho,

mo mmaratofo, momfa nhyɛ mo komam.

9 Yes 44.6 Monkae kan nneɛma a efi tete no,

sɛ me ara mene Nyankopɔn, na obi nni hɔ bio;

mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa.

10 Yes 42.9 Me a mifi mfiase meka awiei asɛm,

na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no,

meka sɛ: Me tirimpɔw begyina,

na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.

11 Yes 41.2 Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afi apuei,

ne m’agyina mu barima afi akyirikyiri asase so.

Makasa, na mɛma aba mu;

madwen, na mɛyɛ.

12Muntie me, akomaprimfo

a mo ne ogye ntam apan.

13Mede me gye mabɛn, enni akyiri,

na me nkwagye renka akyiri.

Mede nkwagye mesi Sion,

na mede m’anuonyam mama Israel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help