1
27Saa bere no ara na n’asuafo no bae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ ɔne ɔbea no rekasa, nanso obi ammisa no sɛ: Dɛn na wohwehwɛ? Anaasɛ: Adɛn na wo ne ɔbea no rekasa yi?
28Ɛnna ɔbea no gyaw n’asuhina no, na ɔkɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ:
29Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, sɛ ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?
30Ɛnna wofii kurow no mu baa ne nkyɛn.
Honhom fam twa adwuma31Saa bere no mu na n’asuafo no see no sɛ: Rabi, didi!
32Samariafo pii gye Yesu nkyerɛkyerɛ
39Na Samariafo a wɔwɔ kurow no mu no mu pii gyee no dii, esiane ɔbea no adanse a odii sɛ: Waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me, no nti.
40Enti, Samariafo no baa ne nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn, na ɔtenaa hɔ nnanu.
41Na nnipa pii a ɛsen kan de no gyee no dii n’asɛm nti,
42na wɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yegye di, na yɛn ankasa ate na yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa.
Galileafo gyee Yesu43 Mat 4.12 Na nnanu akyi no, ofii hɔ kɔɔ Galilea.
44Mat 13.57; Mar 6.4; Luka 4.24 Na Yesu ankasa dii adanse sɛ odiyifo nni nidi n’ankasa ne kurow mu.
45Yoh 2.23 Na oduu Galilea no, Galileafo no a wohuu nea ɔyɛe Yerusalem afahyɛ ase no nyinaa gyee no, efisɛ wɔn nso wɔbaa afahyɛ no ase bi.
Ahenkwaa bi ba ayaresa46 Yoh 2.1; 2.9 Ɛnna ɔkɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔdan nsu nsa no bio. Na ahenkwaa panyin bi wɔ hɔ a ne ba yare wɔ Kapernaum.
47Na ɔtee sɛ Yesu fi Yudea aba Galilea no, osiim kɔɔ ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa ne ba yare; na ɔreyɛ awu.
48Yoh 2.18; 1 Ko 1.22 Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhu nsɛnkyerɛnne ne nkonyaa a, morennye nni.
49Ahenkwaa panyin no see no sɛ: Owura, bra, na me ba no anwu ansa.
50Yesu see no sɛ: Kɔ, wo ba no ho ayɛ no den! Na onipa no gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no dii, na ɔkɔe.
51Na ɔrekɔ no, ne nkoa behyiaa no, na wɔkae sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den!
52Ɛnna obisaa wɔn dɔn ko a ne ho fii ase yɛɛ no den no; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nnɛra bɛyɛ dɔn a ɛto so ason no na atiridii no gyaa no.
53Ɛnna agya no hui sɛ ɛyɛ dɔn no ara a Yesu see no sɛ: Wo ba no ho ayɛ no den no mu; na ɔno ne ne fifo nyinaa gye dii.
54Yoh 2.11; 2.23 Eyi nso ne sɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fi Yudea baa Galilea no, ɔyɛe.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
