Deuteronomium 27 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wɔnkyerɛw mmara no ngu aboɔpon so

1Na Mose ne Israel mpanyimfo no hyɛɛ ɔman no sɛ: Munni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so.

2Na da a mubetwa Yordan akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no, fa abo akɛse sisi hɔ, na fa akado sra ho,

3na kyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wubetwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.

4Na sɛ mutwa Yordan a, momfa abo yi a merehyɛ mo ɛho ahyɛde nnɛ yi nsisi hɔ wɔ Ebal bepɔw so, na fa akado sra ho.

5 Eks 20.25 Na si hɔ afɔremuka ma AWURADE wo Nyankopɔn, abo afɔremuka; mma dade so wɔ so;

6abo amuamu na fa si AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka, na bɔ so hyew afɔre ma AWURADE wo Nyankopɔn;

7Deut 12.7 na bɔ asomdwoe afɔre di no hɔ, na gye w’ani AWURADE wo Nyankopɔn anim.

8Na kyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa gu abo no so, fa kurukyerɛw mu yiye.

9 Deut 26.18-19 Na Mose ne asɔfo Lewifo no kasa kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Israel, monyɛ aso ntie; ɛnnɛ da yi woayɛ AWURADE wo Nyankopɔn ɔman;

10enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi so.

Wɔdome wɔ Ebal so

11Na Mose hyɛɛ ɔman no da no ara sɛ:

12Deut 11.29 Sɛ mutwa Yordan a, eyinom na ennyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no: Simeon ne Lewi ne Yuda ne Isakar ne Yosef ne Benyamin;

13na eyinom nnyina Ebal bepɔw so nnome: Ruben, Gad ne Aser ne Sebulon, Dan ne Naftali.

14Na Lewifo mfi ase mfa nne kɛse nka nkyerɛ Israel nyinaa sɛ:

15Eks 20.23; 34.17 Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa agude, AWURADE akyide, odwumfo nsa ano adwuma, na ɔde besi kokoam! Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen.

16 Eks 21.17 Nnome nka nea ɔyaw n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

17 Deut 19.14 Nnome nka nea otwiw ne yɔnko hye! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

18 Lew 19.14 Nnome nka nea ɔma onifuraefo fom kwan! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

19 Eks 22.21-22 Nnome nka nea ɔkyea ɔhɔho, ayisaa ne okunafo atemmu! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

20 Lew 18.8 Nnome nka nea ɔne n’agya yere da, efisɛ wayi n’agya nkataho! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

21 Eks 22.19 Nnome nka nea ɔne aboa biara da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

22 Lew 18.9, 11 Nnome nka nea ɔne ne nuabea, n’agya ba anaa ne na ba da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

23 Lew 18.15, 17 Nnome nka nea ɔne n’ase da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

24 Num 35.20 Nnome nka nea ohintaw bɔ ne yɔnko ade! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

25 Deut 16.19; Eks 23.8 Nnome nka nea ogye apaade sɛ obekum onipa a odi bem! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

26 Gal 3.10 Nnome nka nea ɔmfa mmara yi mu nsɛm nsi hɔ sɛ ɔbɛyɛ! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help