1 Yer 43.7 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn a ɛfa Yudafo a wɔte Misraim asase so, wɔn a wɔtete Migdol ne Tahpanhes ne Memfis ne Patros asase so no nyinaa ho ni:
2Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mo ara moahu bɔne a mede maba Yerusalem ne Yuda nkurow nyinaa so no nyinaa. Na hwɛ, ayɛ amamfo nnɛ, na obiara nni hɔ a ɔte so.
3Efi wɔn bɔne a wɔyɛe de huruu me bo; sɛ wɔkɔ kɔhyew aduhuam de som anyame foforo a wɔne mo ne mo agyanom nnim wɔn no nti.
4Na mesomaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn, mitua ahema mesoma sɛ: Monnyɛ akyide a ɛyɛ me tan yi bi.
5Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase sɛ wɔbɛsan afi wɔn bɔne ho na wɔrenhyew aduhuam mma anyame foforo.
6Ɛnna m’anibere ne m’abufuhyew hwie gui, na ɛdɛw Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ma ɛdannan asase a asɛe ne amamfo sɛ ɛte nnɛ yi.
7Na afei, sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, se ni: Ɛdɛn nti na mo nso moyeyɛ bɔne kɛse tia mo ara mo kra yi, sɛ wontwitwa mo mu ɔbarima ne ɔbea, abofra ne akokoaa mfi Yuda a wɔannyaw mo nkae bi,
8sɛ mode mo nsa ano nnwuma rehuru me bo, na mohyew aduhuam ma anyame foforo, Misraim asase a moaba so abɛyɛ hɔ ahɔho yi so, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatwa mo akyene, na moayɛ nnome ne nsopa, asase so amanaman nyinaa mu?
9So mo werɛ afi mo agyanom nnebɔne ne Yuda ahene nnebɔne ne wɔn yerenom nnebɔne ne mo ankasa nnebɔne ne mo yerenom nnebɔne a wɔyɛe Yuda asase so ne Yerusalem mmorɔn so no?
10Wɔmmrɛɛ wɔn ho ase de besi nnɛ da yi, nanso wonsuro, na wɔnnantew me mmara ne m’ahyɛde a mede misisii mo ne mo agyanom anim no so.
11Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, mede m’ani masa mo na asi mo bɔne, na Yuda nyinaa ase ahyew.
12Yer 29.17-18 Na mafa Yuda nkae a wɔde wɔn ani ato so sɛ wɔbɛba Misraim asase so abɛyɛ hɔ ahɔho no mama wɔn nyinaa asa; Misraim asase so na wɔbɛtotɔ, afoa ne ɔkɔm nti wobewie sa, afi akumaa so akosi ɔkɛse so; afoa ne ɔkɔm ano na wobewuwu, na wɔadannan ntankade ne ahodwiriwde ne nnome ne nsopa.
13Na mɛba mabɛtwe wɔn a wɔtete Misraim asase so no aso, sɛnea mede afoa, ɔkɔm ne owuyare mebɛtwee Yerusalem aso no,
14na Yuda nkae a wɔakɔ Misraim akɔsoɛ hɔ ahɔho no mu biara remfi mu anaasɛ ɔrenka na wɔasan aba Yuda asase a wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ hɔ no so kɔtena hɔ no, efisɛ obi bi rensan mma, gye aguanfo.
15 Yes 11.11 Ɛnna mmarima a wonim sɛ wɔn yerenom hyehyew aduhuam maa anyame foforo no nyinaa ne mmea a wogyinagyina hɔ no nyinaa, asafo kɛse, ne ɔman a wɔte Patros, Misraim asase so no nyinaa buaa Yeremia sɛ:
16Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo,
17Yer 7.17-18; Hos 2.5 na mmom yɛbɛyɛ biribiara a efi yɛn anom, sɛ yɛbɛhyew aduhuam ama ɔsoro hemmaa no, na yɛahwie ahwiesa ama no sɛnea yɛn ne yɛn agyanom, yɛn ahene ne yɛn asafohene yɛe, Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn so a aduan meemee yɛn na yedii yiye na yɛanhu bɔne bi no.
18Na efi bere a yegyaee ɔsoro hemmaa no aduhuam hyew ne ahwiesa hwie no, ade nyinaa abɔ yɛn; ɛnna afoa ne ɔkɔm awie yɛn yɛ yi.
19Na mmea kae sɛ: Sɛ yɛhyew aduhuam ma ɔsoro hemmaa na yehwie ahwiesa ma no a, so yɛkwati yɛn kununom na yɛyɛ tetare de sisi hɔ ma no na yehwie ahwiesa no anaa?
20Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa, mmarima ne mmea ne nkurɔfo a wobuaa no no nyinaa sɛ:
21Aduhuam a mo ne mo agyanom, mo ahene ne mo mmapɔmma ne asase no so nkurɔfo no hyewee, Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so no, ɛnonom na AWURADE akae, na aforo ahyɛn ne komam.
22Efisɛ na AWURADE ntumi nsoa mo nsɛnnii bɔne ne akyide a moyɛe no bio, na mo asase adan amamfo ne ahodwiriwde ne nnome a obiara nte hɔ sɛ ɛte nnɛ yi.
23Esiane sɛ mohyehyew aduhuam yɛɛ AWURADE bɔne, na moantie AWURADE, na moanni ne mmara ne n’ahyɛde ne n’adansesɛm no so nti na asiane bɔne yi abesiane mo sɛ ɛte nnɛ yi.
24Na Yeremia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa ne mmea no nyinaa sɛ: Yudafo a mowɔ Misraim asase so nyinaa, muntie AWURADE asɛm:
25Yer 44.17 Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Mo ne mo yerenom, mode mo ano ka na mode mo nsa ma ɛba mu sɛ: Ɔma ara na yɛbɛma yɛn aboade a yɛhyɛɛ ho bɔ no, sɛ yɛbɛhyew aduhuam ama ɔsoro hemmaa, na yɛahwie ahwiesa ama no. Otim ara na mobɛma mo bɔhyɛ no atim, na ɔma nso na mobɛma mo aboade no.
26Ne saa nti muntie AWURADE asɛm, Yudafo a mote Misraim asase so nyinaa: Hwɛ, maka me din kɛse no ho ntam, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔremmɔ me din Yudani biara anom Misraim asase nyinaa so sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn te ase yi!
27Hwɛ, mewɔ wɔn ho ani, sɛ mɛyɛ wɔn bɔne, na ɛnyɛ papa na Yudafo a wɔwɔ Misraim asase so no nyinaa bɛdwerɛw afoa ne ɔkɔm ano akosi sɛ wobewie sa.
28Yes 11.11 Na nnipa kakraa bi a wobefi afoa ano afi no bɛsan afi Misraim asase so aba Yuda asase so, na Yuda nkae a wɔbaa Misraim asase so bɛsoɛɛ hɔ ahɔho no nyinaa behu onii a n’asɛm begyina, me de oo, wɔn de oo!
29Na eyi bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛtwe mo aso ɛha yi, na moahu sɛ me nsɛm no aba mu wɔ mo ho ayɛ mo bɔne:
302 Be 36.13, 20 Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede Misraim hene Farao Hofra merehyɛ n’atamfo ne wɔn a wɔrepɛ no akum no no nsa, sɛnea mede Yuda hene Sedekia mehyɛɛ Babel hene Nebukadnesar a ɔtan no pɛ no akum no no nsa no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.