1Nti Awurade sii n’asɛm so dua, sɛ nea ɔka tiaa yɛn, ne yɛn atemmufo a wobu atɛn Israel, ne nea ɔka tiaa yɛn ahemfo ne yɛn mpanyimfo atitiriw, ne nea ɔka tiaa Israel ne Yuda mmarima nyinaa no bɛba mu.
2Wiase nyinaa, ɔnyɛɛ nea wayɛ wɔ Yerusalem yi bi da, sɛnea ɛte wɔ nea wɔakyerɛw no Mose mmara no mu no.
3Yɛn mu bi dii yɛn mmabanin nam, na ebinom nso wee wɔn mmabea nam.
4Na ɔbrɛɛ yɛn ase hyɛɛ ahenni a atwa yɛn ho ahyia no ase, na yɛayɛ ahohora ne amanfo wɔ nkurɔfo a wɔatwa yɛn ho ahia a Awurade de yɛn apete wɔn mu no.
5Wɔbrɛɛ wɔn ase na wɔamma wɔn so, esiane sɛ yɛyɛɛ bɔne tiaa Awurade yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛannyɛ aso amma no.
6Awurade yɛn Nyankopɔn di bem, na yɛn de animguase ankasa aka yɛn ne yɛn agyanom nnɛ da yi.
7Mmusu no a Awurade de yii yɛn hu no nyinaa aba yɛn so.
8Nanso yɛnsrɛɛ Awurade adom, sɛ yɛn mu biara bɛdan afi n’amumɔyɛ ho.
9Na Awurade ayɛ mmusu no krado, na wama aba yɛn so, na ɔyɛ ɔnokwafo wɔ ne nnwuma nyinaa mu, wɔ nea ɔhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no mu.
10Nanso yɛantie ne nne, sɛ yebedi n’ahyɛde a ɔde asi yɛn anim no so.
Ogye Mpaebɔ11Na afei, O Israel Awurade Nyankopɔn a, wode nsa a emu yɛ den yii wo nkurɔfo fii Misraim bae, a nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ka ho, wode wo tumi kɛse ne w'abasa a woateɛ mu, na wode agye din ama wo ho abedu nnɛ da yi.
12Yɛayɛ bɔne, yɛammɔ wo som ho mmɔden, O Awurade yɛn Nyankopɔn, yɛafom w'ahyɛde nyinaa so.
13Yi w'abufuw fi yɛn so kɔ, na yɛaka kakraa bi, wɔ amanaman a wode yɛn apete wɔn mu no mu.
14O Awurade, tie yɛn mpaebɔ ne yɛn nkotosrɛ, na wo nti gye yɛn, na dom yɛn wɔ wɔn a wɔafa yɛn nnommum yi anim;
15Na ama asase sofo nyinaa ahu sɛ wo ne Awurade yɛn Nyankopɔn, na Israel ne n’asefo nyinaa a wɔbɔ wo din frɛ wo no.
16O Awurade, fi wo kronkron mu brɛ w’ani ase hwɛ yɛn na dwen yɛn ho; wɛn w’aso O Awurade, na tie yɛn.
17Bue w’aniwa, O Awurade, na hwɛ; na awufo a wɔwɔ asamando a, wɔn honhom nni wɔn nipadua mu bio no, mfa anuonyam ne atɛntrenee mma wo Awurade.
18Nanso onipa a ɔwɔ ahoguan kɛse mu a ɔyare, na wakom na wayɛ mmerɛw, na n'aniwa ayɛ kusuu, na ne kra abotow no bɛda w’anuonyam ne trenee adi, O, Awurade.
19Efisɛ ɛnyɛ yɛn agyanom anaa yɛn ahemfo nneyɛe papa bi ho nti na yɛde yɛn nkotosrɛ mpaebɔ reba w’anim abɛsrɛ ahummɔbɔ, O, Awurade yɛn Nyankopɔn.
20Na wode w'abufuw aba yɛn so sɛnea wonam w'adiyifo kae sɛ:
21Yer 7.34; 27.10-12 Sɛnea Awurade se ni: Monhyɛ mo ho den mfa nsom Babel hene, na montena asase a mede maa mo agyanom no so.
22Na sɛ morentie Awurade nne, na morensom Babel hene no a,
23ɛno de mɛma anigye ne ahosɛpɛw atu afi Yuda ne Yerusalem mpasua so. Wɔrente aduhuam, ayeforo, anaa ayeforokunu nne bio, na asase no nyinaa bɛdan amanfo a obiara nte so.
24 Yer 8.1, 2 Nanso yɛantie wo nne sɛ yɛrennsom Babel hene. Na wo nsɛm a, wonam wo nkoa adiyifo so kae sɛ: Wobetu yɛn ahemfo ne yɛn agyanom nnompe afi wɔn adamoa mu no aba mu.
25Na nokwasɛm ni, woatow wɔn agu awia ɔhyew mu adekyee, ne anadwo nso awɔw mu. Wɔyerae wɔ awerɛhow kɛse mu, ɔkɔm, nkrante ne ɔyaredɔm mu.
26Na ofi a wɔbɔ wo din no, ayɛ no sɛnea nnɛ ɛte yi, esiane Israel fi na Yuda fi amumɔyɛ nti.
Yɛkae Nyankopɔn bɔhyɛ27Nanso, O Awurade yɛn Nyankopɔn, wone yɛn adi no yiye w'ayamye kɛse no nti,
28Deut 28.58, 62 sɛnea wonam w’akoa Mose so kasa kyerɛɛ wo nkurɔfo bere a wohyɛɛ no sɛ ɔnkyerɛw wo mmara nsɛm no sɛ,
29Sɛ morentie me nne a, nokware, saa dɔm kɛse yi, bɛdan kakraa bi amanaman a mede wɔn bɛpete so no mu.
30Nanso minim sɛ wɔrentie me, efisɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔn kɔn asen. Mmom wɔn ani bɛba wɔn ho so wɔ asase a wɔbɛfa wɔn nnommum akɔ so no so.
31Na wobehu sɛ me ne Awurade wɔn Nyankopɔn. Mɛma wɔn osetie koma ne aso a ɛte asɛm.
32Na wobeyi me ayɛ wɔ wɔn nnommum asase no so, na wɔakae me din,
33wobegyae wɔn agyimisɛm ne wɔn amumɔyɛ no, na wɔbɛkae wɔn agyanom bɔne a wɔyɛɛ wɔ Awurade anim no.
34Mede wɔn bɛsan aba asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom, Abraham, Isak ne Yakob no so, na wobedi so tumi. Mɛma wɔadɔre na wɔn so rentew.
35 Yer 32.38-40 Mene wɔn bɛyɛ daa apam. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man. Na merenyi me man Israel mfi asase a mede ama wɔn no so bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.