1 Eks 32.13; Gye 12.7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sim fi ha kɔ, wo ne ɔman a wukoyii wɔn fii Misraim bae no, kɔ asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: w'asefo na mede mɛma wɔn, no so.
2Eks 32.34 Na mɛsoma ɔbɔfo adi wɔn anim, na matu Kanaanni ne Amorini ne Hetini ne Perisini ne Hewini ne Yebusini no,
3Eks 32.9-10 kɔ asase a nufusu ne ɛwo sen so no so; na merentena wo mu ne wo nkɔ, efisɛ woyɛ ɔman a wo kɔn asen, na mammene wo ɔkwan no mu.
4Na ɔman no tee asɛmmɔne yi no, wodii nkɔmmɔ, na obiara anhyɛ n'ahokekade.
5Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔka kyerɛ Israelfo no sɛ: Moyɛ ɔman a mo kɔn asen; sɛ metena mo mu kakraa bi me ne mo kɔ a, anka mɛhyew mo; na afei munyi mo ho ahokekade, na minhu nea mɛyɛ mo.
6Yona 3.5-6 Ɛnna Israelfo no yiyii wɔn ho ahokekade fi bepɔw Horeb ho hɔ ara.
7 Eks 29.42 Na Mose faa ntamadan no de kosii nsra no akyi akyirikyiri, na ɔfrɛɛ no ahyiae ntamadan. Na obiara a ɔhwehwɛ AWURADE no fi adi kɔ ahyiae ntamadan no a ɛwɔ nsra no akyi no ho.
8Na sɛ Mose fi adi kɔ ntamadan no ho a, ɔman no nyinaa sɔresɔre kogyinagyina wɔn ntamadan ano, na wɔde Mose akyi hwɛ ara kosi sɛ ɔhyɛn ntamadan no mu.
9 Eks 13.21 Na sɛ Mose hyɛn ntamadan no mu a, omununkum dum no sian begyina ntamadan no ano, na AWURADE ne Mose kasa.
10Na ɔman no nyinaa hu omununkum dum no sɛ egyina ntamadan no ano a, ɔman no nyinaa sɔresɔre, na obiara kotow sɔre wɔ ne ntamadan ano.
11Eks 33.20; Num 12.8; Deut 34.10 Na AWURADE ne Mose di nhwɛanim kasa sɛ onipa ne ne yɔnko kasa. Na ɔsan ba nsra no mu a, ne somfo Nun ba Yosua a ɔyɛ abofra no de, omfi ntamadan no mu.
12 Eks 33.2-5 Na Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Hwɛ wo ara na woka kyerɛ me sɛ: Fa ɔman yi kɔ, nanso womma minhu nea wobɛsoma no na ɔne me akɔ. Nanso wo ara na woaka sɛ: Mede wo din minim wo, na woanya m'anim dom nso.
13Nnw 103.7 Enti mesrɛ wo, sɛ manya w'anim dom a, ma minhu wo kwan ɛ, na mahu wo, na manya w'anim dom; na hu sɛ nkurɔfo yi yɛ wo man a!
14Na AWURADE kae sɛ: M'anim ne wo bɛkɔ, na mama woakɔhome.
15Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w'anim ne yɛn renkɔ a, ɛnne mfa yɛn mfi ha nkɔ.
16Deut 4.6-8 Na ɛdɛn na wɔde behu wɔ ha sɛ me ne wo man yi anya w'anim dom, ɛnyɛ wo kɔ a wo ne yɛn bɛkɔ no? Na me ne wo man yi adɛnsow wɔ aman a wɔwɔ asase ani nyinaa mu.
17Eks 33.12; 2 Tim 2.19 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Asɛm a woaka yi nso, mɛyɛ, efisɛ woanya m'anim adom, na mede wo din minim wo.
18Na Mose kae sɛ: Ɛnne, ma minhu w'anuonyam.
19Rom 9.15 Na ose: Mɛma me papa nyinaa asen w'anim, na mɛpae me din YHWH (AWURADE) wɔ w'anim; na medom nea medom no, na mihu nea mihu no mmɔbɔ no mmɔbɔ.
20Gye 32.30; Yes 6.5; 1 Tim 6.16 Na ose: Wuntumi nhu m'anim, efisɛ onipa renhu m'anim nnya nkwa.
211 Ah 19.8-13 Na AWURADE se: Hwɛ, ɔkwan wɔ me nkyɛn ha, na gyina ɔbotan no so;
22Eks 34.5-6; 24.11 na sɛ m'anuonyam resen a, mede wo mɛhyɛ ɔbo tokuru mu, na mede me nsa makata wo so masen ansa,
23na mayi me nsa, na woahu m'akyi fam; na m'anim de, worenhu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.