Ɔsɛnkafo 7 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Abrabɔ ho nsusuwii

1 Mmb 22.1 Din pa ye sen ngo a ne bo yɛ den,

na owuda ye sen awoda.

2Awerɛhowdi fi kɔ ye

sen apontow fi kɔ,

efisɛ ɛno ne nnipa nyinaa awiei,

na ɔteasefo de hyɛ ne komam.

3Awerɛhow ye sen ɔserew,

na anim mmɔbɔmmɔbɔyɛ mu na koma nam yɛ yiye.

4Anyansafo koma wɔ nkɔmmɔdi fi,

na nkwasea koma wɔ anigye fi.

5Onyansafo animka tie ye

sen sɛ obi tie nkwasea dwonto.

6Na sɛ nsɔe turuturuw ɔsɛn ase no,

sɛ nkwasea serew te ne no.

Eyi nso yɛ ahuhude.

7Na amimyɛ bɔ onyansafo dam,

na ayɛyɛde sɛe koma.

8Asɛm awiei ye sen ne mfiase;

boasetɔ honhom ye sen ahomaso honhom.

9 Yak 1.19 Mma wo honhom mmpere abohuru ho,

na nkwasea kokom na abohuru te.

10Nka sɛ: Ɛdɛn na kan nna no ye sen eyinom yi?

Na ɛnyɛ nyansa so na wubisa eyi ase.

11Nyansa ye sɛ awunnyade,

na ɛyɛ mfaso ma wɔn a wohu owia no.

12 Mmb 3.2 Na nyansa onwini ase tena te sɛ sika onwini ase tena,

na nimdeɛ yɛ mfaso, na nyansa gye ne wura nkwa.

13 Ɔsɛ 1.15 Hwɛ Onyankopɔn nneyɛe.

Na hena na obetumi ateɛ nea ɔno akyea no?

14Da pa mu nya koma pa, na da bɔne mu dwen ho; Onyankopɔn ayɛ eyi nso aka ɛno ho, nea ɛbɛyɛ na onipa anhu n’akyi biribiara.

15Ɔsɛ 8.14; Nnw 73.12-13 Mahu ade nyinaa m’abrabɔhunu nna mu: Ɔtreneeni bi wɔ hɔ a ɔyera ne trenee mu, na ɔbɔnefo bi wɔ hɔ a ɔkyɛ ne bɔne mu.

16Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so; ɛdɛn nti na wobɛsɛe wo ho?

17Mma abɔnefosɛm nnnɔɔso na nyɛ ɔkwasea; ɛdɛn nti na wubebu wo bere mu awu?

18Eye sɛ wuso eyi mu, na eyi nso wunyi wo nsa mfi ho; na nea osuro Onyankopɔn befi ne nyinaa mu.

19Nyansa hyɛ onyansafo den sen atamfo du a wɔwɔ kurow mu.

20 Nnw 14.3 Na onipa trenee bi nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.

21Nso mfa wo koma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so, na woante sɛ w’akoa redome wo.

22Na wo koma nim mpɛn bebree a wo nso wodomee ebinom.

23Mede nyansa masɔ eyi nyinaa mahwɛ; mekae sɛ: Mehu nyansa; nso ɛne me ntam ware.

24Nea ɛwɔ hɔ wɔ akyirikyiri na ɛyɛ donkudonku, hena na obehu?

25Mede me koma nso mikyinii sɛ mehu na mapee mu na mahwehwɛ nyansa ne adwempa, na mahu abɔnefosɛm sɛ ɔkwaseayɛ, ne nkwaseasɛm sɛ adammɔ.

26Mmb 2.16-22 Na mihuu nea ɛyɛ nwene sen owu: Ɔbea a ne komam wɔ mfiri ne asawu na ne nsa yɛ nhama; nea ɔsɔ Onyankopɔn ani befi ne ho afi, na ɔdebɔneyɛfo de, ɔbɛkyere no.

27Hwɛ eyi na mahu, ɔsɛnkafo no na ose, mefaa mmiako mmiako, na manya ho mmuae.

28Nea me kra hwehwɛ bio nanso minhui ni: Ɔbarima biako na mahu no apem mu, na ɔbea de, minhuu bi, eyinom nyinaa mu.

29Mmb 2.7 Hwɛ, eyi nko na mihui sɛ: Onyankopɔn bɔɔ onipa yiye, na wɔn de, wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help