Nnwom 105 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ade a Onyankopɔn yɛe Israel nkwagye ho(1 Berɛsosɛm 16.8-22)

1 Yes 12.4 Monna AWURADE ase, mommɔ ne din,

momma wonhu ne nneyɛe, aman mu.

2Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no,

munnwen n’anwonwade nyinaa ho nka.

3Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho,

wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no koma ntɔ wɔn yam.

4Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyi kwan,

monhwehwɛ n’anim daa yi.

5Monkae n’anwonwade a wayɛ,

n’ahodwiriwde ne n’anom atemmusɛm no,

6mo, n’akoa Abraham asefo,

Yakob a oyii no no mma.

7Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn,

n’atemmu fa asase nyinaa so.

8Ɔkae n’apam no de kosi daa,

asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoatoaso apem no,

9apam a ɔne Abraham pamee,

ne ne ntam a ɔkaa Isak no,

10na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛde,

na ɔde maa Israel sɛ daa apam no,

11 Gye 12.7 sɛ: Wo na mede Kanaan asase mɛma wo

sɛ mo agyapade a wɔkyɛ no hama so.

12Ɛbere a nnipa no ano nnɔɔso,

wɔyɛ kakraa bi ne ahɔho wɔ hɔ,

13na wɔnenam fi ɔman mu kɔ ɔman mu,

wofi ahenni bi mu kɔ ɔman foforo bi mu no,

14 Gye 12.17; 20.3, 7 wamma obi kwan sɛ ɔnhom wɔn so,

na wɔn nti ɔkaa ahene anim sɛ:

15Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no,

na monnyɛ m’adiyifo bɔne bi.

16 Gye 41.54 Na ɔmaa ɔkɔm baa asase no so,

obubuu aduan poma nyinaa mu.

17 Gye 37.28 Ɔsomaa onipa bi dii wɔn anim,

wɔtɔn Yosef ma ɔkɔyɛɛ akoa.

18Wɔde mpokyerɛ miaa ne nan,

de no too dade mu,

19kosii bere a n’asɛm baa mu,

AWURADE asɛm sɔɔ no hwɛe.

20 Gye 41.14 Ɔhene soma ma wokotuu no,

nea odi aman so no ma wɔkɔsan no.

21Ɔde no sii ne fi so panyin,

ne nea ɔwɔ nyinaa sodifo,

22sɛ ɔnkyerɛ n’asafohene nea ɔpɛ,

na ɔnkyerɛ ne mpanyimfo nyansa.

23 Gye 46.1 Ɛnna Israel baa Misraim,

na Yakob bɛsoɛɛ Ham asase so hɔho.

24 Eks 1.7, 12 Na ɔmaa ne man ase fɛee bebree,

na ɔma wɔyɛɛ den sen wɔn ahohiafo.

25Ɔdan wɔn koma sɛ wɔntan ne man,

na wɔmfa anifere nhyɛ ne nkoa so.

26Ɔsomaa n’akoa Mose ne Aaron a oyii no no.

27 Eks 3.1—12.51 Woyii ne nsɛnkyerɛnne sii wɔn mu,

ne anwonwade, Ham asase so.

28Ɔmaa sum bedurui,

nanso wɔannwen ne nsɛm ho.

29Ɔdannan wɔn nsu mogya,

na ɔde kum wɔn mpataa.

30Wɔn asase dɔɔ mponkyerɛn manyamanya

ma wɔbaa wɔn ahene mpia mu.

31Ɔkae, na atɛn bae,

ntontom baa wɔn asase nyinaa so.

32Ɔde amparuwbo yɛɛ wɔn sutɔ

ma ogyaframa baa wɔn asase so.

33Na ɔbobɔɔ wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma,

na obubuu wɔn asase so nnua.

34Ɔkae, na mmoadabi,

ne mmɛbɛw a wɔn dodow nni ano, bae

35na wobedii wɔn asase so ahaban nyinaa,

na wodii wɔn mfuw so aduan.

36Na ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa,

wɔn ahoɔden nyinaa mma a edi kan.

37 Eks 12.35 Na ɔde wɔn ne dwetɛ ne sika fi kɔe,

na mmerɛwni bi nni ne mmusuakuw mu.

38Wɔn adifi yɛɛ Misraimfo anigye,

na wɔn ho hu tɔɔ wɔn so.

39 Eks 13.21 Ɔtrɛw omununkum mu yɛɛ nkataso,

ne ogya, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.

40 Eks 16.13-15; Yoh 6.31 Wobisae, na ɔde mmoko bae,

na ɔde ɔsoro aduan ma wɔmee.

41 Eks 17.6 Obuee ɔbotan maa nsu tuei,

ɛteɛɛ wɔ nkyerekyerewa so sɛ asubɔnten.

42Na ɔkaee n’asɛm kronkron no,

ɔkaee n’akoa Abraham,

43na oyii ne man ma wɔde abotɔyam fii adi,

ɔmaa wɔn a ɔpaw wɔn no de ahurusi kɔe.

44Na ɔde amanaman nsaase maa wɔn,

na wodii nkurɔfo adwuma so ade,

45sɛ wɔnhwɛ n’ahyɛde nyɛ,

na wonni ne mmara so.

Munyi AWURADE ayɛ!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help