Adiyisɛm 15 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Abɔfo a wɔkurakura ɔhaw mmusu a etwa to no

1 Adi 12.1; 12.3; 11.18 Na mihuu sɛnkyerɛnne foforo bi a ɛso na ɛyɛ nwonwa ɔsoro: Abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason a etwa to no a ɛno na etwa Onyankopɔn abufuw no to.

2 Adi 4.6; 13.15; 13.18; 5.8 Na mihuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a ogya fra mu. Na wɔn a wodii aboa no ne ne honi ne ne din akontaahyɛde ho nkunim no gyinagyina ahwehwɛ po no ano kurakura Onyankopɔn asanku.

3Eks 15.1; 15.11; Adi 5.9; 5.12; Nnw 145.17; Yer 10.6-7 Na wɔto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Oguammaa no dwom sɛ:

Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo,

wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa.

Amanaman hene, w’akwan teɛ na ɛyɛ nokware.

4 Nnw 86.9 Awurade, hena na ɔrensuro wo

na ɔnhyɛ wo din anuonyam?

Efisɛ wo nko na woyɛ kronkron,

na amanaman nyinaa bɛba

abɛkotow w’anim, efisɛ

w’asɛntrenee ada adi.

5 Adi 11.19 Na eyinom akyi no mehwɛe, na wɔahiɛ adanse ntamadan no asɔredan no ɔsoro.

6Adi 1.13 Na abɔfo baason a wokurakura ɔhaw mmusu ason no fi asɔredan no mu fii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛharan, na wɔde sika abɔso abobɔ wɔn mu.

7Adi 4.6-8; 14.10 Na ateasefo baanan no mu biako maa abɔfo baason no sika nkuruwa ason a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuw ahyɛ no mama.

8Eks 40.34; 1 Ah 8.10; Yes 6.4; Hes 44.4 Na owusiw a efi Nyankopɔn anuonyam ne ne tumi no mu hyɛɛ asɔredan no ma, na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kosii sɛ wowiee abɔfo baason no ɔhaw mmusu ason no ansa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help