1Ɛnna nnipakuw no nyinaa sɔre de no kɔɔ Pilato anim.
2
32Na wɔde nnebɔneyɛfo baanu nso kaa ne ho kɔe sɛ wonkokum wɔn.
Golgota(Mateo 27.33-56; Marko 15.22-41; Yohane 19.17-30)33Na woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea no, ɛhɔ na wɔsɛn no ne nnebɔneyɛfo no, obiako wɔ ne nifa, na obiako wɔ benkum.
34Yesu wu
44Na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so asia no, esum duruu asase nyinaa so de kosii dɔn a ɛto so akron.
45Eks 36.35 Na owia duruu sum; na asɔredan mu ntama a etwa mu no mfinimfini tewee.
46Nnw 31.5; Aso 7.59 Na Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ. Na ɔkaa saa no, ogyaa mu.
Ne wu ka nkurɔfokuw no47Na asraafo ha so panyin no huu nea aba no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa trenee.
48Na nkurɔfo akuwakuw a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ ade no nyinaa huu nea aba no, wɔbobɔɔ wɔn koko so san kɔe.
49Luka 8.2-3 Na n’amannifo nyinaa ne mmea a wodii n’akyi fii Galilea no abegyina akyirikyiri rehwɛ nneɛma yi.
Yesu sie(Mateo 27.57-61; Marko 15.42-47; Yohane 19.38-42)50Na hwɛ, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔyɛ baguani na ɔyɛ onipa pa na ɔteɛ,
51Luka 2.25; 2.38 no de, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛe no so. Ofi Yudafo kurow Arimatea mu, na ɔno ankasa nso retwɛn Nyankopɔn ahenni no.
52Ɔno na ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ no Yesu amu no.
53Na okoyi kyekyee no nwera mu, na ɔde kɔtoo ɔda a wɔatwa no ɔbo mu a onipa bi nnaa mu da mu.
54Na ɛda no yɛ ahosiesie da, na homeda rebɛn.
55Luka 23.49 Na mmea no nso a wɔne no fi Galilea bae no dii akyi kɔhwɛɛ ɔda no ne sɛnea wɔde n’amu no too mu fae.
56Eks 20.10 Na wɔsan besiesiee nnuru ne ngo huamhuam; na homeda no wɔyɛɛ komm homee sɛnea mmara no te no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
