Yesaia 55 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn dom frɛ

1 Yoh 7.37; Adi 22.17 Mommra o, mo a osukɔm de mo nyinaa,

mommra nsu ho,

na mo a munni sika no

mommra mmɛtɔ, na munni.

Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu;

ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na enni bo nso.

2Ɛdɛn na mokari sika gye nea ɛnyɛ aduan,

ne mo brɛ so ade gye nea ɛmmee mo?

Muntie me ɛ, munni nnepa,

na sradeduan nyɛ mo kra dɛ.

3 Yer 31.31-34; Nnw 89.2-4; Aso 13.34 Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn,

muntie, na mo kra nnya nkwa.

Na me ne mo bɛpam daa apam:

Dawid adɔeyɛde a esi hɔ pintinn no.

4Hwɛ, mede no mayɛ aman dansefo,

aman safohene ne mmarahyɛfo.

5Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wunnim wɔn aba,

na ɔman a wonnim wo no de mmirika bɛba wo nkyɛn,

AWURADE wo Nyankopɔn, Israel kronkronni no nti,

efisɛ wahyɛ wo anuonyam.

6 Yer 29.13 Monhwehwɛ AWURADE, bere a ɔma wohu no no,

momfrɛ no bere a ɔbɛn no.

7 Hes 33.11; Nnw 130.4 Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan

na onipa huhuw mpa n’adwene,

ma wɔnsan mmra AWURADE nkyɛn na ne yam bɛhyehye no ama wɔn,

ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne kyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.

8Na ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene

na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, AWURADE asɛm ni;

9 Nnw 92.5 na sɛ ɔsoro korɔn sen asase no,

saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan,

na m’adwene nso sen mo adwene.

10Na sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam

na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa

ma ɛba aduan na ɛsow aba,

na ɛde aba ma ogufo ne aduan ma odifo no,

11 Mat 13.8 saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ;

ɛrensan mma me nkyɛn kwa,

gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ

na ewie nea enti a mesomae no.

12 Yes 44.23 Na anigye na mode befi akɔ,

na wɔde asomdwoe agya mo kwan;

mo nti mmepɔw ne nkoko

bɛto anigye dwom prɛko pɛ,

na wuram nnua nyinaa abobɔ wɔn nsam.

13Ɔpopaw befifi asi nsɔe ananmu,

na ohuannua befifi akraate ananmu;

na ɛbɛyɛ din ama AWURADE

ne daa sɛnkyerɛnne a wɔrentwa nkyene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help