Hesekiel 16 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn adɔe a ɔyɛ Israel

1 Hes 23 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Onipa ba, ma Yerusalem nhu n’akyide no,

3na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Yerusalem ni: W’ase ne w’awo asase ne Kanaanfo asase, w’agya yɛ Amorini, na wo na yɛ Hetini.

4Na w’awo mu de, da a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsu anguare wo amma wo ho amfi, nkyene nso wɔamfa ansra wo, na wɔamfa ntamawa ankyekyere wo;

5obiara yam anhyehye no amma wo anyɛ wo eyinom mu biara amfa anhu wo mmɔbɔ, na wɔtow wo kyenee sare ani too wo kra ho mpe, da a wɔwoo wo no.

6Ɛnna mibetwaa wo ho na mihuu wo, sɛ wɔabɔ wo adapaa, wo mogya mu, na meka mekyerɛɛ wo, wo mogya no mu, sɛ: Nya nkwa!

7Meyɛɛ wo dodow mpem huhaa sɛ wuram mfefɛwee, na wodɔe yɛɛ kɛse, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fuwii; nanso wonam adagyaw ne kwaterekwa.

8 Rut 3.9; Eks 19.5 Na mebetwaa wo ho na mihuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo bere, ɔdɔ bere; na mede me ntaban metrɛw wo so, na mekataa w’adagyaw so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na woyɛɛ me de.

9Na mede nsu miguaree wo, na mehohoroo wo ho mogya no, na mesraa wo ngo;

10na mede atade a wɔadi mu adwinni mehyɛɛ wo, na mede sukraman nhoma mpaboa mehyɛɛ wo, na mede nwera pa mekyekyeree wo, na mede sedaa mekataa wo ho;

11na mede ahyehyɛde mehyehyɛɛ wo, na mede nkapo mehyehyɛɛ wo nsa, na mede ntweaban miguu wo kɔn mu,

12na mede dwinne mehyɛɛ wo hwene mu, na mede asomkaa mehyehyɛɛ wo, na mede abotiri fɛfɛ mebɔɔ wo.

13Na wode sika ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wo ntade yɛ nwera pa ne sedaa ne nkyeremu; asikresam ne ɛwo ne ngo na wudii, na wo ho yɛɛ fɛ pa ara, na wudii yiye koduu ahenni mu.

14Kwa 2.15 Na w’ahoɔfɛ nti wo din hyehye kɔɔ amanaman mu, efisɛ m’anuonyam a mede mehyɛɛ wo no ma ewiee fɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

15 Eks 34.16 Nanso wode wo ho too w’ahoɔfɛ so, na wobɔɔ aguaman guu wo din so, na wuhwiee w’aguamammɔ guu obiara a ɔretwam so.

16Na wofaa wo ntade no bi de yɛɛ nsaasaa wɔ sorɔnsorɔmmea ho fae, na wobɔɔ so aguaman a ebi mmae da na ɛremma da nso.

17Na wofaa wo nnwinne fɛfɛ no, me sika ne me dwetɛ a memaa wo no bi, na wode yɛɛ mmarima ahoni fae, na wode bɔɔ aguaman;

18na wode wo nkyeremu ntade kataa wɔn ho, na wode me ngo ne m’aduhuam sisii wɔn anim;

19na m’aduan a memaa wo, asikresam ne ngo ne ɛwo a mede meyɛn wo no, wode sisii wɔn anim sɛ enyi hua huamhuam. Nea ɛyɛe ni, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

202 Ah 16.3; Yer 7.31 Na wofaa wo mmabanin ne wo mmabea a wowo maa me no de wɔn bobɔɔ afɔre maa wɔn sɛ wonni. So w’aguamammɔ yɛ ade ketewaa,

21sɛ wukunkum me mma na wuyii wɔn mae ma wɔfaa ogya mu maa wɔn no?

22Hes 16.6-7 Na w’akyide ne w’aguamanneyɛe nyinaa mu no woankae wo mmabaabere nna no a wonam adagyaw ne kwaterekwa bɔ wo ho adapaa, wo mogya mu no.

23Na ɛbae sɛ wo nnebɔne nyinaa akyi no, due, due! AWURADE Nyankopɔn asɛm ni,

24wotoo dampan fae na woyɛɛ pampa fae, mmɔnten nyinaa so.

25Akwan nyinaa tia na wotoo wo pampa, na wuhuraa w’ahoɔfɛ no ho, na wobaee w’anan mu maa obiara a ɔsen, na womaa w’aguamammɔ dɔɔso.

26Na wo ne Misraimfo a wɔte wo ho a wɔn honam sosoe no bɔɔ aguaman, na womaa w’aguamammɔ dɔɔso de huruu me bo.

27Na hwɛ, wo so na meteɛɛ me nsa, na metew w’aduan a mehyɛe so, na miyii wo memae sɛ w’atamfo, Filistifo mmabea a wɔn ani wuu w’ahohwibɔ ho no pɛ no.

28Nso wo ne Asiriafo bɔɔ aguaman, efisɛ wommee ɛ. Na wo ne wɔn bɔɔ aguaman, nanso woammee.

29Nso womaa w’aguamammɔ dɔɔso koduu Kanaan asase a ɛne Kaldea, na eyi nso ammee wo.

30Wo koma ayɛ gorɔw dɛn ara, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, sɛ woyɛɛ eyinom a ɛyɛ ɔbea aguaman a ɔso ne ti nneyɛe no nyinaa!

31Hes 16.24-25 Wotoo wo dampan, akwan nyinaa tia na woyɛɛ pampa, mmɔnten nyinaa mu no, woanye sɛ aguaman po, ɛne sɛ wopoo apɛde.

32Ɔyere a ɔsɛe aware, ɔfa ananafo si ne kunu ananmu.

33Nguaman nyinaa, wɔma wɔn akyɛde, na wo de, wode w’akyɛde kyekyɛɛ w’adɔfo nyinaa, na womaa wɔn adammude, sɛ womfi mmaa nyinaa mmra wo nkyɛn aguamammɔ.

34Na wo de, ɛsono wo koraa ne mmea a aka no, aguamammɔ mu: Sɛ obi nhyɛ da mmɛpɛ wo ne wo mmɔ aguaman, na woma apɛde, na wo de, obi mma wo apɛde, enti na ɛsono wo.

35Ɛno nti, aguaman, tie AWURADE asɛm!

36Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ woahwere w’ade, na woayi w’adagyaw so, w’aguamammɔ mu, ama w’adɔfo, ne w’akyide abosonhunu no nyinaa, ne wo mma a wode wɔn maa wɔn no mogya nti,

37Yer 13.22, 26 hwɛ, merehyiahyia w’adɔfo a woafam wɔn ho nyinaa ne wɔn a woadɔ wɔn nyinaa mabɔ wɔn a woatan wɔn no nyinaa so afi afa nyinaa maboaboa wɔn ano mahyɛ wo, na mayi w’adagyaw adi makyerɛ wɔn, na wɔahu w’adagyaw nyinaa.

38Na mede mmea awaresɛefo ne mogyakagufo atemmude mebu wo atɛn, na mayɛ wo abufuhyew ne ninkuntwe mogya,

39na mede wo mahyɛ wɔn nsa, na wɔadwiriw wo dampan, na wɔaburu wo mpampa, na wɔaworɔw wo ho ntade, na wɔafa wo nnwinne fɛfɛ no, na wɔagyaw wo adagyaw ne kwaterekwa mu,

40na wɔama wɔabɛbɔ wo so gua, na wɔasiw wo abo, na wɔde wɔn nkrante atwitwa wo mu,

41na wɔde ogya ahyew w’adan, na wɔde w’atemmu mu ade ayɛ wo, mmea bebree aniwa mu, na mama woagyae aguamammɔ; na akyɛde nso, worenkyɛ bio.

42Hes 5.13 Na mɛma m’abufuhyew no adwo wo ho, na me ninkuntwe afi wo so, na mɛyɛ komm a me bo renhuru bio.

43Esiane sɛ wonkaee wo mmabaabere mu nna no na wode eyinom nyinaa haw me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ mibua w’atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na mammɔ w’akyide nyinaa so mmusu.

44Hwɛ, obiara a obubu mmɛ no bebu wo ho bɛ yi sɛ: Sɛ ɛna te no, saa na ne ba te.

45Hes 16.3 Wone wo na a ɔpo ne kunu ne ne mma no ba, na wone wo nuammeanom a wɔpo wɔn kununom ne wɔn mma no nuabea; mo na yɛ Hetini, na mo agya yɛ Amorini.

46Hes 23.4 Na wo nuabea panyin ne Samaria, ɔno ne ne mmabea a wɔte wo benkum so no, na wo nuabea kumaa a ɔte wo nifa so ne Sodom ne ne mmabea.

47Nso ɛnyɛ sɛ wofaa wɔn akwan so yɛɛ wɔn akyide no nko, na mmom ɛyɛɛ kakraa bi pɛ, na wosɛe sen wɔn, w’akwan nyinaa so.

48Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa, wo nuabea Sodom ne ne mmabea anyɛ sɛnea wo ne wo mmabea ayɛ yi.

49Hwɛ, eyi ne wo nuabea Sodom amumɔyɛ no: Ahantan, didimee ne yiyedi dwoodwoo mu na ɔno ne ne mmabea tenae, na ɔbrɛfo ne ohiani nsa de, wanso mu;

50Gye 18.20 na wɔyɛɛ ahantan yɛɛ akyide wɔ m’anim, na miyii wɔn hɔ sɛnea me ara mepɛ.

51Na Samaria anyɛ wo bɔne no fa, na womaa w’akyide dɔɔso sen wɔn, na wode w’akyide a woyɛe no nyinaa buu wo nuammeanom bem.

52Wo nso, soa w’ahohora a wubu ma wo nuammeanom no. Wo bɔne a woama ayɛ akyide asen wɔn no nti, wɔteɛ sen wo, na wo nso, ma w’ani nwu na soa w’ahohora, sɛ woabu wo nuammeanom bem.

Ɔdom a wɔdom gye Yerusalem

53 Hes 11.17 Na mede wɔn nnommum, Sodom ne ne mmabea nnommum, ne Samaria ne ne mmabea nnommum, ne wo nnommumfa mu nnommum a ɛwɔ wɔn mu no mɛsan maba,

54nea ɛbɛyɛ na woasoa w’ahohora, ade a woayɛ nyinaa ho de akyekye wɔn werɛ.

55Na wo nuammeanom, Sodom ne ne mmabea bɛsan aba wɔn kan dibea mu, na Samaria ne ne mmabea bɛsan aba wɔn kan dibea mu, na wo nso ne wo mmabea bɛsan aba mo kan dibea mu.

56Na wo nuabea Sodom anyɛ w’anom asɛnka, w’ahantan nna no mu,

57ansa na woyii wo bɔne adi, sɛ ɛbere a Siria mmabea ne wɔn a wotwa no ho hyia nyinaa, Filistifo mmabea a wɔtew wo ahi no sopaa wo, afa nyinaa no.

58W’abusude ne w’akyide no, wo ara no woso, AWURADE asɛm ni.

59Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛyɛ wo sɛnea woyɛe no a wubuu ntanka animtiaa sɛ worebu apam so no.

60Lew 26.45; Hos 2.15; Hes 37.26; Yer 31.31-34 Na me de, mɛkae m’apam a me ne wo pamee wo mmabaabere mu no, na mɛma daa apam atim hɔ ama wo.

61Hes 20.43 Na sɛ mede wo nuammeanom a wɔsen wo panyin ka wo nuammeanom a wɔyɛ w’akyi mma no ho de wɔn yɛ wo mmabea a ennyina w’apam no so a, ɛno na wobɛkae w’akwan na w’anim agu ase.

62Na me na mɛma me ne wo apam no agyina, na woahu sɛ mene AWURADE,

63Hes 36.31-32 nea ɛbɛyɛ na woakae, na w’ani awu, na w’aniwu nti woammue w’ano bio, sɛ makata nea woyɛe no nyinaa so mama wo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help