Kolosefo 2 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Kolosefo yiyedi ho mmɔdemmɔ

1Na mepɛ sɛ muhu apereapere dennen a midi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wonhuu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho,

2sɛ wonnya nea ɛka wɔn koma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ biako ɔdɔ mu nnya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu.

31 Ko 1.24; 1.30 Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapade nyinaa akora.

Paulo dɔ

4 Rom 16.18 Na meka eyi na obi amfa nnaadaasɛm anto mo brada.

51 Ko 5.3; 14.40 Na sɛ minni hɔ ɔhonam mu mpo a, me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani gye sɛ mihu mo kwan a mugyina so ne mo gyidi a ɛkɔ Kristo mu tim a atim no.

Wɔn honhom nkɔso ho nsiyɛ

6Enti sɛnea mugyee Awurade Kristo Yesu no, monnantew no mu saa ara,

7Efe 3.17; 2.22 sɛ wɔn a wɔagye ntini, na wɔde wɔn asi no so, na wɔayɛ den gyidi mu, sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu.

Kristo nyameyɛ

8 Kol 2.20 Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ so, na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum;

9Yoh 1.14; 1.16 efisɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa te nipadua mu,

10Efe 1.21 na moayɛ ma wɔ no mu: Ɔno na ɔyɛ mpanyinni ne tumidi nyinaa ti,

111 Pe 3.21; Rom 2.29 ɔno mu nso na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na nea ɛwɔ ɔhonam nipadua mu a woyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.

12Rom 6.4; Kol 3.1 Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu; na ne mu na ɔne mo nso anyan. Ɛnam gyidi a ɛwɔ Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu no tumi adwuma so.

Kristo mpatadwuma

13 Efe 2.1; 2.5 Na mo a anka moyɛ awufo, esiane mo mfomso ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mo mfomso nyinaa akyɛ yɛn,

14Efe 2.15 na wapopaa ahyɛde no mu nkyerɛwee a etia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afi kwan mu,

15Kol 1.13 na watu mpanyinni ne tumidi agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ baguam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.

Ntamgyinafo foforo biara nni hɔ

16 Rom 14.1-12 Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduan anaa anonne anaa afahyɛ anaa ɔsram foforo anaa home nna fam,

17Heb 8.5; 10.1 na eyinom yɛ nneɛma a ɛbɛba no ho mfonini bi ara, na nea edi mu ara ankasa no ne Kristo.

18Kol 2.23 Mommma obi mfa aniso ahobrɛase ne abɔfosom mma nkonimdibo no mmɔ mo, sɛ okura nneɛma a wanhu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu.

19Efe 4.15-16 Nanso onso ti no a nipadua no nyinaa fi mu nam akwaa ne ntini biara so nya aduan na wɔtoatoa mu nyin wɔ nyin a efi Onyankopɔn mu no.

Mmara sodi nko nnɔɔso

20 Gal 4.3; 4.9 Enti sɛ mo ne Kristo anya awu afi wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, adɛn nti na mode ahyɛde to mo ho so sɛnea moda so te wiase

21sɛ: Nso mu, nka nhwɛ, mfa wo nsa nka?

22Yes 29.13; Mat 15.9 Saa nneɛma yi nyinaa yɛ nea ɛkyerɛ nneɛma hunu wɔ nnipa ahyɛde ne nkyerɛkyerɛ fam nko.

23Rom 13.14; 1 Tim 4.3 Nea nneɛma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisosom ne ahobrɛase ne atirimmɔden a wɔyɛ no honam so de, na eyinom mfa mfaso mma na mmom ne nyinaa yɛ nea ɛhyɛ ɔhonam akɔnnɔ ma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help