1 Berɛsosɛm 23 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Lewifo som ho nhyehyɛe

1 1 Ah 1.28-40 Na Dawid bɔɔ akora na nna pii mee no no, ɔde ne ba Solomon sii Israel so hene.

2Na ɔboaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfo ne Lewifo no ano hyiae.

3Na wɔkan Lewifo no, nnipa a wɔadi mfirihyia aduasa ne akyiri no, na wɔn dodow si mmarima ɔpeduasa awotwe.

4Eyinom mu ɔpeduonu anan na wɔnhwɛ AWURADE fi adwuma no so, na mpemnsia nyɛ mpanyimfo ne atemmufo,

5na mpemnan nyɛ aponanohwɛfo, na mpemnan nso mfa nneɛma a meyɛ memaa ayeyi no nyi AWURADE ayɛ.

6 1 Be 6.16-17 Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu akuwakuw: Lewi mma Gerson, Kohat ne Merari.

7 1 Be 26.21 Gersonfo ne: Ladan ne Simei.

8Ladan mma ne: Otitiriw Yehiel ne Setam ne Yoel, wɔyɛ baasa.

9Simei mma ne: Selomit ne Hasiel ne Haran, wɔyɛ baasa. Eyinom ne Ladan agyanom atitiriw.

10Na Simei mma ne: Yahat, Sisa ne Yeus ne Beria. Eyinom ne Simei mma, wɔyɛ baanan.

11Na Yahat di ti, na Sisa di hɔ, na Yeus ne Beria nni mma pii nti, wɔkan wɔn sɛ agya fi biako.

12 1 Be 6.2-3 Kohat mma ne: Amram, Yishar, Hebron ne Usiel, wɔyɛ baanan.

131 Be 6.49; Heb 5.4; Deut 10.8 Amram mma ne: Aaron ne Mose. Na woyii Aaron sɛ ɔmmɛyɛ ade kronkron no ho ade, ɔno ne ne mma nkosi daa, sɛ wɔnhyew aduhuam AWURADE anim, na wɔnsom, na wɔmfa ne din nhyira nkosi daa.

14Deut 33.1 Na Onyankopɔn nipa Mose de, wɔbɔɔ ne mma din fraa Lewi abusuakuw no mu.

15Eks 18.3-4 Mose mma ne: Gersom ne Eliesa.

161 Be 26.24 Gersom mma: Sebuel di ti.

171 Be 24.21-30 Na Eliesa mma: Rehabia di ti. Na Eliesa nni mma foforo, nanso Rehabia mma de, wɔdɔɔso pii.

18Yishar mma: Selomit di ti.

19Hebron mma: Yeria di ti, Amaria di hɔ, Yahasiel to so abiɛsa, Yekameam to so anan.

20Usiel mma: Mika di ti, na Yisia di hɔ.

21 1 Be 6.19 Merari mma ne: Mahli ne Musi. Mahli mma ne: Eleasar ne Kis.

22Na Eleasar wui, na onni mmammarima, mmabea nko na ɔwɔ. Na wɔn nuanom Kis mma waree wɔn.

23Musi mma ne: Mahli ne Eder ne Yeremot, wɔyɛ baasa.

24Eyinom ne Lewi mma, sɛ wɔn mpanyimfi te, agyanom mu atitiriw sɛ wɔkan wɔn mmiako mmiako, sɛ wɔn din dodow te a wɔyɛ AWURADE fi som adwuma no a wɔadi mfirihyia aduonu ne akyiri.

25Yoel 3.21 Na Dawid kae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, ama me man ho adwo wɔn, na watena Yerusalem akosi daa.

26Na Lewifo no nso nsoa tenabea no ne ne som ho nneɛma nyinaa bio,

27efisɛ Dawid nsɛm a edi akyiri no mu no wɔkan Lewi mma no dodow de fi nea wadi mfirihyia aduonu so de rekɔ.

28Na wɔn adwuma ne sɛ wɔmmoa Aaron mma nsom AWURADE fi, n’abangua so ne mpia no mu, na wɔmma akronkronne no nyinaa ho ntew, na wɔnyɛ Onyankopɔn fi som adwuma,

29na wɔnyɛ kyerɛ abodoo ne asikresam, aduan afɔre ne apiti tetare, ne dade asanka ne akyeduan ho ade, na wɔnhwɛ ɔhyɛ ade ne susuw ade nyinaa so.

30Nnw 92.2 Na wonnyina hɔ anɔpa daa nna ase nyi AWURADE ayɛ, na anwummere nso saa ara,

31na wɔmmɔ ɔhyew afɔre nyinaa mma AWURADE, homeda ne ɔsram foforo ne afahyɛ mu, ne dodow mu sɛ n’atɔremude te, AWURADE anim daa,

32na wɔnyɛ ahyiae ntamadan no ho som adwuma ne kronkronbea som adwuma ne wɔn nuanom Aaron mma som adwuma no mfa nsom AWURADE fi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help