1 1 Be 10.1-12 Na Filistifo ne Israel koe; na Israel mmarima guanee Filistifo anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔw so.
2Na Filistifo tu taree Saul ne ne mma, na Filistifo no kum Saul mma Yonatan ne Abinadab ne Malkisua.
3Na ɔko no den Saul, na bɛmmatofo, mmarima a wokura ta huu no, na wɔtow no, piraa no.
4Ate 9.54 Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛwɔ me ammɛyɛ me ade angoru me atɔprɛ. Na n’akodekurafo no ampene, efisɛ osuro pii. Ɛnna Saul faa nkrante na ɔhwee so.
5Na n’akodekurafo no hui sɛ Saul awu no, ɔno nso hwee ne nkrante so saa ara, na ɔne no wui.
6Saa na Saul ne ne mma baasa ne n’akodekurafo ne ne mmarima nyinaa nso wuwui prɛko da no ara.
7Na Israel mmarima a wɔwɔ obon no agya ne wɔn a wɔwɔ Yordan agya hui sɛ Israel mmarima aguan na Saul ne ne mma atotɔ no, wogyigyaw nkurow no guanguanee, na Filistifo na bae bɛtenaa mu.
8Na ade kyee a Filistifo bae beyiyii atɔfo ho ade no, wohuu Saul ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔw so.
9Na wotwaa ne ti, na woyii ne ho akode, na wɔsoma ma wɔde kyinii Filistifo asase so hyiae, sɛ wɔnkɔbɔ kaseɛ wɔ wɔn abosomfi ne ɔman no mu.
10Na wɔde n’akode no kosiee Astarot dan mu, na ne funu no, wɔde sɛn Bet-san fasu ho.
111 Sa 11.1-11 Na Yabes-gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saul no,
12akofo nyinaa sɔree, nam anadwo mu no nyinaa kɔfaa Saul funu ne ne mma afunu no fii Bet-san fasu no ho de baa Yabes, na wɔhyewee wɔ hɔ.
132 Sa 1.12 Na wɔfaa wɔn nnompe kɔkorae ɔsantɛw dua no ase wɔ Yabes, na wodii mmuada nnanson.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
