1 1 Be 15.19 Nso Dawid ne dɔm so asafohene no yiyii Asaf ne Heman ne Yedutun mma no mu wɔn a wɔnsom mfa nsankuten ne mmɛnta asanku ne nnawuru nhyɛ nkɔm. Na nnipa a wɔyɛ adwuma no sɛ wɔn som te no dodow ni:
2Asaf mma mu: Sakur ne Yosef ne Netania ne Asarela, Asaf mma a wɔhyɛ Asaf ase, ɔno nso na ɔhyɛ ɔhene nsa ano nkɔm.
3Yedutun de: Yedutun mma ne: Gedalia ne Seri ne Yesaia, Hasabia ne Matitia, baasia no hyɛ wɔn agya Yedutun ase, ɔno kura sankuten hyɛ nkɔm de aseda ne ayeyi ma AWURADE.
4Heman de: Heman mma ne: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel ne Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti ne Romamti-eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, Mahasiot.
51 Be 21.9; 2 Be 35.15 Eyinom nyinaa ne ɔhene dehufo Heman mma sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no so no; efisɛ Onyankopɔn maa Heman mmammarima dunan ne mmabea baasa.
6Eyinom nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase AWURADE fi dwonto no mu kurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne nsankuten som Onyankopɔn fi, wɔ ɔhene no, Asaf ne Yedutun ne Heman ase.
7Na wɔne wɔn nuanom a wɔakyerɛ wɔn AWURADE dwonto no ano si nhumufo ara nko ahanu aduɔwɔtwe awotwe.
8 1 Be 24.31 Na wɔbɔɔ ɔhwɛ adwuma no so ntonto, akumaa ne ɔkɛse, ɔkyerɛkyerɛfo ne osuani, nyinaa pɛ.
9Na ntonto a edi kan no kɔ maa Asaf de maa Yosef. Gedalia de tia abien, ɔne ne nuanom ne ne mma si dumien.
10Nea ɛto so abiɛsa ne: Sakur, ne mma ne ne nuanom, yɛ dumien.
11Nea ɛto so anan no fi maa Yisri, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
12Nea ɛto so anum ne: Netania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
13Nea ɛto so asia ne: Bukia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
14Nea ɛto so ason ne: Yesarela, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
15Nea ɛto so awotwe ne: Yesaia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
16Nea ɛto so akron ne: Matania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
17Nea ɛto so du ne: Simei, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
18Nea ɛto so dubiako ne: Asarel, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
19Nea ɛto so dumien ne: Hasabia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
20Nea ɛto so dumiɛnsa ne: Subael, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
21Nea ɛto so dunan ne: Matitia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
22Nea ɛto so dunum ne: Yeremot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
23Nea ɛto so dunsia ne: Hanania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
24Nea ɛto so dunsɔn ne: Yosbekasa, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
25Nea ɛto so dunwɔtwe ne: Hanani, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
26Nea ɛto so dunkron ne: Maloti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
27Nea ɛto so aduonu ne: Eliata, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
28Nea ɛto so aduonu biako ne: Hotir, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
29Nea ɛto so aduonu abien ne: Gidalti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
30Nea ɛto so aduonu abiɛsa ne: Mahasiot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
31Nea ɛto so aduonu anan ne: Romamti-eser, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dumien.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.