Sirak 18 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn anuonyam no

1Nea ɔte ase daa no

na ɔbɔɔ ade nyinaa;

2Awurade nko na ɔyɛ ɔtreneeni.

4Ɔmfaa tumi nhyɛɛ obiara nsa sɛ

ɔmmɔ n'adwuma ho dawuru;

na hena na obetumi ahwehwɛ ne

nnwuma akɛse mu?

5Hena na obetumi asusuw ne tumi a ɔwɔ wɔ n’ahemman mu no?

Na hena na obetumi abu ne mmɔborohunu ano pɛpɛɛpɛ?

6Ɛnyɛ nea wubetumi ahuan so anaa wode bi bɛka ho,

Anaa, so wubetumi

ahu Awurade anwonwade nyinaa mu?

7Bere a nnipa awie no,

na afei mmom na wɔrehyɛ ase,

na sɛ wogyae nso a, wɔn ho yɛ wɔn basaa.

Nnipa nse hwee

8Nnipa yɛ dɛn, na mfaso bɛn na ɛwɔ wɔn so?

Nneɛma bɛn na eye wɔ wɔn mu, na bɔne bɛn nso na ɛte wɔn mu?

9Wɔn nkwa nna dɔɔso mpo a, na ɛyɛ mfe ɔha ne aduonu.

10Ɛte sɛ nsu ko a efi po mu, ne anwea ketewa bi pɛ.

saa ara ne mfe kakra nso te wɔ ne da mu.

11Saa nti Awurade wɔ ntɔboase ma wɔn,

na ohwie n’ahummɔbɔ gu wɔn so.

12Ɔhwɛ na ohu sɛ wɔn awiei yɛ mmɔbɔ;

ne saa nti ɔdom de wɔn bɔne kyɛ wɔn daa ne daa.

13Onipa wɔ tema ma ne yɔnko,

nanso Awurade tema no de,

ɛwɔ hɔ ma n'abɔde a ɛte ase nyinaa.

Ɔka anim, ɔtetew mma, na ɔkyerɛkyerɛ wɔn,

na ɔma wɔsan kɔ wɔn akyi sɛnea

oguanhwɛfo yɛ ne nguankuw no.

14Ɔwɔ tema de ma wɔn a wɔpene ne ntetew so,

ne wɔn a wɔpere sɛ wobenya n’akwankyerɛ.

Ɔma mu honhom pa

15Me ba, mfa animka mfrafra wo nneyɛe pa mu,

na mfa kasaden nsɛe w'akyɛde a wode rema no.

16Ɛnyɛ bosu na ɛma asase a awo nya ahotɔ fi awia ketee nsam?

Nti asɛm biako ye sen akyɛde.

17Ampa ara, so asɛm biako nye nsen akyɛde pa anaa?

N'abien nyinaa wohu no wɔ onipa ɔyamyefo mu.

18Ɔkwasea nyɛ adɔe na ɔyeyaw,

na onipa a onwiinwii

wɔ n’akyɛde ho no hyɛ aniwu.

Dwen hwɛ kan na hyɛ wo ho so

19Ansa na wobɛkasa no sua,

ansa na yare bɛbɔ wo no,

hwɛ w’apɔwmuden yiye.

20Ansa na atemmu bɛba no hwehwɛ wo mu,

na bere a wobɛhwehwɛ wo mu awie no, wobenya bɔne fakyɛ.

21Ansa na wobɛyare no, brɛ wo ho ase;

na sɛ woayɛ bɔne a, nu wo ho.

22Mma biribiara nsiw wo kwan sɛ wobetua wo bɔhyɛ,

na ntwɛn nkodu bere a wobewu no ansa na wafi mu.

23Ansa na wobɛhyɛ bɔ no, siesie wo ho,

na nyɛ sɛ obi a ɔresɔ AWURADE ahwɛ.

24Dwen n’abufuw ho, wo wuda no,

ne n'aweredi bere no,

a obeyi n’ani ahintaw no.

25Bere a wowɔ pii no, dwene ɔkɔm bere ho;

ahonya bere no, dwene ohia ne ahokyere ho.

26Efi anɔpa kosi anwummere no nneɛma sakra,

na nneɛma nyinaa twam ntɛm so,

wɔ AWURADE anim.

27Onyansafo tɔ ne bo ase wɔ biribiara yɛ mu,

na bɔne bɛn a, ɔhwɛ yiye wɔ ho.

28Onipa nimdefo biara nim nyansa,

na ɔkamfo nea ohu no no.

29Wɔn a wonim kasa no,

nim nyansa,

na wobu mmɛ a ɛfata.

Ahohyɛso

30Nni w'akɔnnɔ bɔne akyi,

mmom hyɛ so.

31Sɛ woma wo kra kwan di akɔnnɔ bɔne akyi a,

ɛbɛma w’atamfo adi wo ho fɛw.

32Mma w'ani nnye afɛfɛde akɛse ho,

anyɛ a ɛde wo bɛkɔ ohia kɛse mu,

esiane ɛkabɔ a ɛwɔ mu nti.

33Nyɛ ɔsrɛsrɛfo, na mfɛm sika nnye w'ani,

bere a wonni hwee wɔ wo bɔtɔ mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help