Nnwom 99 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn kronkron ho ayeyi

1 Nnw 93.1; 80.1 AWURADE di hene, aman ho popo;

ɔte Kerubim so, asase him.

2AWURADE yɛ kɛse wɔ Sion,

na wɔama no so, aman nyinaa so.

3Wobeyi wo din kɛse a ɛho yɛ hu no ayɛ,

ɔno na ɔyɛ kronkron.

4 Yes 9.6 Ɔhene tumfo a wodɔ atemmu,

wo na wubu atɛntrenee,

Yakob mu atemmu ne trenee, wo na wubu.

5Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so,

na monkotow nsɔre, ne nan ase agua anim,

ɔno na ɔyɛ kronkron.

6 Yer 15.1 Mose ne Aaron wɔ n’asɔfo mu,

na Samuel wɔ wɔn a wɔbɔ ne din mu,

wɔfrɛɛ AWURADE, na ogyee wɔn so.

7Ɔkasa kyerɛɛ wɔn omununkum dum mu,

wodii n’adansesɛm ne ahyɛde

a ɔde maa wɔn no so.

8AWURADE, yɛn Nyankopɔn, wo na wugyee wɔn so,

woyɛɛ wɔn Onyankopɔn a ɔde kyɛ,

ne wɔn nneyɛe so weredifo.

9Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so,

na monkotow nsɔre, ne bepɔw kronkron so,

na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help