1Na Rahel hui sɛ ɔnwo mma Yakob no, ɔtwee ne nuabea no ho kora, na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me mma, na anyɛ saa a, mewu.
2 wɔ wuram, na ɔde brɛɛ ne na Lea. Na Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: Ma me wo ba dudaim yi bi ɛ!
15Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnnɔɔso sɛ woafa me kunu, na worebegye me ba Dudaim nso anaa? Na Rahel se: Wo ba mandrake no nti ma ɔne wo nkɔda anadwo yi.
16Na anwummere a Yakob fi wuram reba no, Lea fii adi kohyiaa no kae sɛ: Bra me nkyɛn, efisɛ ɔtɔ na mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no dae anadwo no.
17Na Onyankopɔn tiee Lea, na onyinsɛnee, na ɔwoo babarima a ɔto so anum maa Yakob.
18Na Lea kae sɛ: Onyankopɔn atua me ka, sɛ mede m'abaawa mama me kunu aware. Na ɔtoo no din Isakar, ase ne: Akatua ni.
19Na Lea nyinsɛnee bio, na ɔwoo babarima a ɔto so asia maa Yakob.
20Na Lea kae sɛ: Onyankopɔn akyɛ me akyɛde pa, afei de, me kunu ne me bɛtena yiye, efisɛ mawo mmammarima baasia mama no. Na ɔtoo no din Sebulon, ase ne: Atenaye.
21Na ɛno akyi no, ɔwoo ɔbabea, na ɔtoo no din Dina.
22 1 Sa 1.19 Na Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no, na obuee ne yam.
23Yes 4.1; Luka 1.25 Na onyinsɛnee, na ɔwoo babarima, na ose: Onyankopɔn ayi m'ahohora.
24Na ɔtoo no din Yosef, ase ne: Awurade, mma me ɔba foforo nka ne ho.
Yakob daadaa Laban25Na Rahel woo Yosef no, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Gya me kwan na menkɔ me kurom ne m'asase so.
26Gye 29.20, 30 Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mesom wo no ma me, na wo ara wunim me som a masom wo.
27 Gye 39.5 Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ma minnya w'anim anuonyam, na mahu sɛ wo nti Awurade ahyira me.
28Na ose: Kyerɛ me w'akatua a wugye me, na mɛma.
29Na ose: Wo ara wunim sɛnea masom wo mafa ne sɛnea wo mmoakuw ayɛ wɔ m'ase,
30efisɛ mebaa wo nkyɛn no, na nea wowɔ no sua, na afei ase afɛe ayɛ pii, na Awurade ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fi nso?
31Na ose: ɛdɛn na memma wo? Na Yakob se: Mma me biribiara; sɛ wobɛyɛ saa ade yi ama me de a, mɛsan mabɛyɛn wo nguan na mahwɛ wɔn:
32ɛnnɛ mɛkɔ makɔfa wo nguan nyinaa mu, na mayiyi emu nguan a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworannworan nyinaa, ne nguammiri nyinaa, wɔ nguanten mu, ne mmirekyi mu nworannworan ne ntokontrama. Wɔn a wɔtete sɛɛ na ɛnyɛ m'akatua.
33Na daakye bi a wobɛka m'akatua ho asɛm no, me trenee abua ama me wɔ w'anim. Mmirekyi no mu biara a ne ho nyɛ ntokontrama ne nworannworan, ne nguanten no mu nea ɔnyɛ oguammiri no, ma wommu no awifode wɔ me nsam.
34Na Laban se: Hwɛ, ma ɛnyɛ sɛnea woka yi ɛ!
35Na da no ara oyiyii mpapo a wɔn ho yɛ nsensannsensan ne nworannworan, ne mmirekyibere a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworannworan nyinaa, obiara a fufu wɔ ne ho, ne nguanten no mu nguammiri nyinaa. Na ɔde wɔn hyɛɛ ne mmammarima nsa.
36Na ɔde nnansa kwan too ɔno ne Yakob ntam, na Yakob yɛn Laban nguan a ɛkae no.
37Na Yakob faa ɔsɛsɛ dua ne ɔfowa dua ne ɔkyɛnkyɛn dua mmaa momono, na oyiyii ho nsama fitafitaa maa mmaa no ho fitaa no fifii adi.
38Na ɔde mmaa a oyiyii ho no guu anomee adaase a nguan no rebɛnom mu nsu no mu wɔ nguan no anim, na wɔba nsunom a, wɔayenyem so.
39Na nguan no yenyem mmaa no so, na wɔwowoo nsensannsensan, ntokontrama ne nworannworan.
40Na Yakob yiyii nguammaa no, na ɔde nguan no ani kyerɛɛ Laban nguan no mu nsensannsensan ne nguammiri nyinaa. Na ɔyɛɛ n'ankasa nguankuw nko wɔ afa baabi, na wamfa wɔn amfra Laban nguan no mu.
41Na sɛ daa nguan a wɔn ho yɛ den no yenyem a, Yakob de mmaa no kogu adaase no mu wɔ nguan no anim, na wɔayenyem mmaa no so.
42Na nguan no yɛ nofonofo de a, ɔmfa ngu mu. Na wɔn a wɔyɛ mmerɛw no yɛɛ Laban dea, na wɔn a wɔn ho yɛ den no yɛɛ Yakob dea.
43Gye 12.16 Na ɔbarima no yɛɛ kɛse pa ara, na onyaa nguan pii ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfurum.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.