Tobit 9 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wɔn nsa ka sika no

1Ɛnna Tobias frɛɛ Rafael na osee no sɛ:

2Onua Asaria, fa nkoa baanan, ne mfurum abien, ka wo ho, na si mu kɔ Gabael nkyɛn wɔ Rages a ɛwɔ Media, fa nhyehyɛe nhoma no ma no, na gye sika no, na hyia no bra ayeforo no ase.

3Woyɛ ɔdansefo sɛ: Raguel aka ntam agu me so sɛ mma mimmfi ha; na merentumi mmu ntam no so,

4Na wonim sɛ m'agya ani da kwan, na sɛ mekyɛ a, ɛbɛhaw no pii.

5Nti Rafael ne nkoa baanan no, ne mfurum abien no tuu kwan no, na wɔkɔsoɛɛ Gabael. Wɔde adansedi krataa no maa no, na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: Tobit ba Tobias aware nti wohyia no wɔ ayeforohyia no ase. Gabael koyii sika a ɛwɔ nkotoku mu no bae, a nsɔano wɔ ano a wonnyiyii, na ɔde maa no, na wɔde soaa mfurum no.

6Anɔpahema no, wɔn baanu nyinaa sɔree, na wɔbaa ayeforo no ase. Wɔbae no na Tobias te adidipon ho, na ɔsɔree ntɛm kyiaa Gabael. Na Gabael de nusu hyiraa Tobias kae sɛ: Wosɛ w'agya wɔ nimdeɛ ne anuoyam mu. AWURADE mfa ɔsoro nhyira, nhyira wo yere, ne wo yere awofo. Nhyira nka Nyankopɔn, efisɛ mihu me nua Tobit wɔ wo mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help